Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 28 - New Revised Asante Twi Bible


Nhyira ne nnome

1 Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.

2 Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhunumufoɔ ne nimdefoɔ na ɛma ɔhene kyɛreɛ.

3 Ohiani a ɔhyɛ ohiani soɔ te sɛ osuo a ɛpra adeɛ korɔ a ɛmma aduane mma.

4 Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.

5 Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.

6 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea akwan mmienu mu na wanya ne ho.

7 Deɛ ɔbu mmara no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔne ahohwifoɔ bɔ no hyɛ n’agya aniwuo.

8 Deɛ ɔde mfɛntom ne apempensie dɔre n’adeɛ no, ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛhunu mmɔborɔfoɔ mmɔborɔ.

9 Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.

10 Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu, na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa.

11 Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ, na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu.

12 Teneneefoɔ di ahurisie a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefoɔ deɛ wɔsɔre a, nnipa hunta.

13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.

14 Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa, na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu.

15 Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.

16 Ɔhene a ɔnni nhunumu na ne nhyɛsoɔ so, na deɛ ɔtane amimdie ma ne nna kyɛ.

17 Onipa a obi mogya ho so da ne soɔ no, ɔbɛdwane akɔduru amena mu, mma wɔnnsianka no.

18 Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa, na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu.

19 Deɛ ɔdɔ n’asase no, aduane bɛmee no, na deɛ ɔdi ade hunu akyire no, ohia bɛmee no.

20 Onipa nokwafoɔ nhyira bɛdɔɔso, na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

21 Animhwɛ nyɛ, nso aduane afono ma so mpo na onipa bɛdi asɛmmɔne.

22 Oniberefoɔ pere ahonya ho, na ɔnhunu sɛ ɔhia bɛba ne so.

23 Deɛ ɔka obi anim no, akyire yi, ɔbɛnya animuonyam asene deɛ ɔde ne tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.

24 Deɛ ɔfom n’agya ne ne na adeɛ fa na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! no yɛ ɔdesɛefoɔ adamfo.

25 Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.

26 Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ.

27 Deɛ ɔma ohiani no, ɛrenhia no, na deɛ ɔyi n’ani no bɛnya nnuabɔ pii.

28 Abɔnefoɔ sɔre a, nnipa hunta, na wɔyera a, na teneneefoɔ redɔɔso.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan