Mmebusɛm 26 - New Revised Asante Twi BibleNkwaseafoɔ, anihafoɔ ne nkɔnkɔnsafoɔ 1 Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no. 2 Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu. 3 Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afunumu, ɛnna abaa nso fata ɔkwasea akyire. 4 Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno. 5 Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ. 6 Deɛ ɔde asɛm soma ɔkwasea no twitwa ɔno ara ne nan, na ɔnom mmusuo. 7 Sɛdeɛ apakye nan sensɛne hɔ no, sɛdeɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. 8 Sɛdeɛ abohene boaa teɛ aboɔkuo soɔ no, sɛ deɛ ɔhyɛ ɔkwasea animuonyam teɛ ne no. 9 Sɛdeɛ nkasɛɛ poma teɛ wɔ nsaboni nsam no, sɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. 10 Deɛ ɔbɔ ɔkwasea ne anantefoɔ paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa nyinaa. 11 Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no. 12 Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no. 13 Ɔkwadwofoɔ se: Ɛserɛ-mu-sɛe wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔntene so! 14 Sɛdeɛ ɛpono dane ne ho ne mpontɛre soɔ no, saa ara na ɔkwadwofoɔ nso yɛ wɔ ne kɛtɛ soɔ. 15 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa bɔ ayowa mu, ɛyɛ n’ani ha sɛ ɔde bɛhyɛ n’anomu. 16 Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ. 17 Deɛ ɔretwam na ɔde ne ho fra asɛm a ɛmfa ne ho mu te sɛ deɛ ɔsɔ ɔkraman aso mu. 18 Sɛdeɛ ɔbɔdamfoɔ a ɔto nnyansramma, agyan ne owuo teɛ no, 19 sɛ onipa a ɔgyegye ne yɔnko, na ɔka sɛ: Agorɔ na meredie, teɛ ne no. 20 Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ asomsɛmkani nni hɔ a, tɔkwa to twa. 21 Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no, saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ. 22 Asomsɛmkani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ yam mpia mu. 23 Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho. 24 Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo. 25 Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam. 26 Nitan de nnaadaa kata ne ho, nanso asafo mu wɔbɛyi ne bɔne adi. 27 Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so. 28 Tɛkyerɛma torofoɔ tane wɔn a apira wɔn, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛeɛ ba. |
The Bible Society of Ghana, 2012