Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 25 - New Revised Asante Twi Bible


Nyansa so akatua

1 Yei nso ne Salomo mmebusɛm bi a Yudahene Hesekia nnipa fa twerɛeɛ.

2 Nyankopɔn animuonyam ne asɛm so kata, na ahemfo animuonyam ne asɛm mu hwehwɛ.

3 Ɔsoro ware a ɛwareɛ, ne asase mu dɔ a ɛdɔ, ne ahemfo akoma mu nni hwehwɛbea.

4 Yi fi dwetɛ mu, na agudeɛ firi odwumfoɔ nsam aba.

5 Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim, na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.

6 Nhyehyɛ wo ho ɔhene anim, na nkɔgyina nnipa akɛseɛ gyinabea.

7 Na ɛyɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra soro ha! sene sɛ wɔbɛbrɛ wo aseɛ ɔberempɔn a w’ani ahu no no anim.

8 Mfiri hatuhatu nkɔko, na ɛbɛwie akyire yi no, wobɛyɛ dɛn, sɛ wo yɔnko de wo ato aniwuo mu?

9 Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi;

10 na deɛ ɔbɛteɛ no annidi wo atɛm, na wo nsopa anka hɔ.

11 Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ nkɛntɛn mu.

12 Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no, saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ.

13 Sɛdeɛ sukyerɛmma dwoɔ teɛ twaberɛ mu no, saa na ɔbɔfoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsomaa no, na ɔdwodwo ne wuranom kra.

14 Deɛ ɔde akyɛdeɛ a ɔmmaeɛ hoahoa ne ho no te sɛ mununkum ne mframa a osuo nni mu.

15 Abodwokyɛre dane ɔtemmufoɔ ti, na tɛkyerɛmabereɛ bu dompe mu.

16 Wohunu ɛwoɔ a, di deɛ ɛso woɔ, na amfono wo, na woamfe angu.

17 Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fie ntiantia, na wo ho anyɛ no mfone na wantane wo.

18 Asabaa ne nkrantɛ ne agyan nnamnnam ne onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekurumu.

19 Ɔkɔnkɔnsani so anidasoɔ, hiada mu, te sɛ ɛse a abuo ne nan a afirikyie.

20 Deɛ ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma awɔberɛ mu, anaa nsa kekakeka a wɔde gu dɔw soɔ.

21 Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane nni, na sukɔm de no a, ma no nsuo nnom;

22 na wobɛso nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.

23 Atifi fam mframa de osuo ba, saa ara nso na ntwirie tɛkyerɛma de abufunimu ba.

24 Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.

25 Sɛdeɛ nsuonwunu yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ yɛ ne no.

26 Sɛdeɛ nsuo aniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛeɛ no teɛ no, saa na ɔteneneeni a ɔtɔ ɔbɔnefoɔ anim ntintan teɛ.

27 Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ, enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam.

28 Onipa a ɔntumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kuro a abubuo a afasuo nni ho.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan