Mmebusɛm 24 - New Revised Asante Twi BibleBoasetɔ ne asomdwoeɛpɛ 1 Mma wo ho mmpere wo, abɔnefoɔ ho, na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛtena, 2 na wɔn akoma dwene ɔsɛeɛ ho, na wɔn ano ka mmusuo. 3 Wɔde nyansa na ɛsi dan, na wɔde nhunumu ma no gyina, 4 na wɔnam nimdeɛ so de ahodeɛ aboɔdenneɛ afɛfɛdeɛ nyinaa hyɛ mpia mama. 5 Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den. 6 Atɛmpa na fa kyekyere wo sa, na nkonim wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. 7 Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu. 8 Deɛ ɔdwene bɔneyɛ ho no, wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ. 9 Agyimisɛm tirimbɔ yɛ bɔne, na nnipa akyiwadeɛ ne ɔfɛdifoɔ. 10 Wo nsa mu go ahohiahia da mu a, w’ahoɔden sua. 11 Gye wɔn a wɔtwe wɔn kɔ owuo mu, na sɛ wɔtɔ ekum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ. 12 Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ. 13 Di ɛwoɔ, me ba, na ɛyɛ, ne ɛwoɔkyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ; 14 saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wohunu a, ɛso akatua bɛba daakye, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. 15 Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea. 16 Na mprɛnson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔreɛ, na abɔnefoɔ deɛ, amanehunu hwe wɔn ase. 17 Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiri a, mma w’akoma nnni ahurisie, 18 na AWURADE anhunu, na anyɛ n’ani so bɔne, na wannane n’abufuo amfiri ne so. 19 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ ho, na mma w’ani mmmere abɔnefoɔ. 20 Na akyire asefoɔ nni hɔ mma ɔbɔne, abɔnefoɔ kanea bɛdum. 21 Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mmɔ atuatefoɔ ho, 22 na mpofirim na amaneɛ firi wɔn hɔ bɛba, na ɔsɛeɛ a ɛbɛfiri wɔn baanu hɔ no, hwan na ɔnim? 23 Yeinom nso yɛ anyansafoɔ dea: Atemmuo mu animhwɛ nyɛ. 24 Deɛ ɔse ɔbɔnefoɔ sɛ: Wotene, no, aman bɛdome no, na amanaman bɛkyiri no. 25 Na wɔn a wɔtwe aso no bɛdi yie, na wɔn so na nhyira pa bɛba. 26 Deɛ ɔma mmuaeɛ pa no te sɛ deɛ ɔfe ano. 27 Siesie w’adwuma wɔ baabi, na toto wo biribiara w’asase so; na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie. 28 Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa. 29 Nka sɛ: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no, mɛtua no deɛ wayɛ no so ka. 30 Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho, 31 na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono, na ahyehyewonsa akata ani, na ɛho aboɔ fasuo abubu agu. 32 Ɛnna mehwɛeɛ, na medwenee ho yie, mehunui, na mefaa mu nyansa. 33 Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra, 34 ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwotwafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurani. |
The Bible Society of Ghana, 2012