Mmebusɛm 23 - New Revised Asante Twi BibleAsetena mu nyansa ne teɛyɛ 1 Sɛ wotena ase ne ɔberempɔn rebɛdidi a, susu deɛ ɛwɔ w’anim no ho yie; 2 na sɛ woyɛ odufudepɛfoɔ a, ɛte sɛ wode sekan reto mene mu. 3 Mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ɛyɛ nnaadaa aduane. 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ, gyae wo nhunumu yi akyiridie. 5 Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro. 6 Nni deɛ ɔwɔ ani bɔne aduane, na mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ. 7 Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho. 8 Afono ma a woadie no, wobɛfe, na woayera wo nsɛm dɛdɛ no. 9 Nkasa ngu ɔkwasea aso mu, na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia. 10 Ntwe tete hyeɛ, na nhyɛne nwisiaa mfuo mu. 11 Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo. 12 Fa w’akoma bra atentene ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho. 13 Mfa atenetene nkame abɔfra, na wode abaa hwe no a, ɔrenwu. 14 Sɛ wode abaa hwe no a, ɛno na wobɛgye ne kra afiri Asamando. 15 Me ba, sɛ w’akoma hunu nyansa a, me ara nso m’akoma bɛtɔ me yam, 16 na me kra ho bɛsɛpɛ no, sɛ w’ano reka deɛ ɛtene. 17 Mma w’akoma mmpere wo, nnebɔneyɛfoɔ ho. Na wo deɛ, tena AWURADE suro mu daa nyinaa. 18 Na ampa ara, akyire asɛm wɔ hɔ, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. 19 Me ba, wo deɛ, tie, na hunu nyansa, na tene w’akoma kɔ ɔkwan no so. 20 Mfra sadweamfoɔ, wɔn a wɔsɛe wɔn honam no mu; 21 na ɔsadweam ne potwaafoɔ bɛdi hia, na nkotɔ de ntomago fira onipa. 22 Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia. 23 Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso. 24 Ahurisie na ɔteneneeni agya bɛdie, na deɛ ɔwoo onyansafoɔ no ani gye ne ho. 25 Ma w’agya ne wo na ani nnye, na deɛ ɔwoo woɔ no nni ahurisie. 26 Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani. 27 Na odwamamfoɔ yɛ amena donkodonko, na ɔbaa sansani yɛ abura hihiaa. 28 Ɔtɛ nso sɛ ɔkwanmukani, na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafoɔ dɔɔso. 29 Hwan na ɔwɔ amaneɛ mu, hwan na ɔwɔ awerɛhoɔ mu, hwan na ɔwɔ ntɔkwako ne abooboodie, hwan na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abereɛ? 30 Wɔn a wɔkyɛre nsa ho, wɔn a wɔkɔka mfrasa hwɛ. 31 Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ no, na ani twa, kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, 32 akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia. 33 W’ani bɛhwɛ ananadeɛ, na w’akoma aka akontonkyisɛm. 34 Na woayɛ sɛ deɛ ɔda po mfimfini ne deɛ ɔda hyɛn nnua atifi. 35 Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me, wɔpem me, mante, menyane ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyiri kwan ara! |
The Bible Society of Ghana, 2012