Mmebusɛm 20 - New Revised Asante Twi BiblePotwaa ne sadweam 1 Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa. 2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne. 3 Ɛyɛ ɔbarima animuonyam sɛ ɔtwe ne ho firi ɔham mu, na agyimifoɔ deɛ, wɔpɛ ntɔkwa. 4 Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee. 5 Ɔbarima akoma mu agyinatuo te sɛ nsuo a emu dɔ, nso deɛ ɔwɔ nhunumu bɛsa. 6 Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no? 7 Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi. 8 Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so. 9 Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho? 10 Abrammoɔ ahodoɔ, susukodoɔ ahodoɔ, ne mmienu nyinaa yɛ AWURADE akyiwadeɛ. 11 Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yie na atene. 12 Aso a ɛteɛ ne aniwa a ɛhunu, AWURADE na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa. 13 Mpɛ nna, na woanni hia; bue w’ani, na aduane bɛmee wo. 14 Ɛnyɛ, ɛnyɛ! Sɛ ɔdetɔfoɔ seɛ ne no, na ɔdane ne ho kɔ a, na ɔrehoahoa ne ho. 15 Sika wɔ hɔ, na nhwene pa pii wɔ hɔ, na kasa a nimdeɛ wɔ mu no te sɛ adwinneɛ a ne boɔ yɛ den. 16 Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, fa ne ntoma, na deɛ ɔdi ɔnanani akagyinamu no, gye no awowa. 17 Aduane a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyire yi no, mmoseaa yɛ n’anomu ma. 18 Wɔde agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina, na fa atɛmpa kyekyere ɔsa. 19 Deɛ ɔkyini di nsekuro no yi ahuntasɛm adi, enti mfa wo ho mmɔ deɛ ɔtrɛ n’anomu. 20 Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu. 21 Agyapadeɛ a wɔde ntɛmpɛ nya no mfitiaseɛ no, akyire renwie nhyira. 22 Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo. 23 AWURADE akyiwadeɛ ne abrammoɔ ahodoɔ, na nsisie nsania nso nyɛ. 24 Onipa anammɔntutuo firi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhunu n’akwan mu? 25 Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu. 26 Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so. 27 AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ. 28 Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so, na adɔeɛ so na n’adwa tim. 29 Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkɔkoraa ahoɔfɛ ne ɛdwono. 30 Mmaa a ɛpira twi ɔbɔne ho, na ɛhweɛ hyɛne yam mpia mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012