Mmebusɛm 19 - New Revised Asante Twi BibleTenenee hia 1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea. 2 Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne. 3 Onipa agyimisɛm kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE. 4 Ahonya ma obi nya nnamfo pii, na mmɔborɔni ne ne yɔnko ntam tete. 5 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ. 6 Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo. 7 Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn. 8 Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra, deɛ ɔbu nhunumu no, ɔhunu papa. 9 Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera. 10 Taamudie mfata ɔkwasea, na mprɛ ahe na akoa bɛdi mpanimfoɔ soɔ. 11 Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam. 12 Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo. 13 Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusuo, na ɔbaa ntɔkwako yɛ daa nsuo a ɛsosɔ. 14 Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE. 15 Aniha yɛ nnahɔɔ, na onipa kwadwofoɔ bɛdi kɔm. 16 Deɛ ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na deɛ ɔnhwɛ n’akwan yie no bɛwu. 17 Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu. 18 Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wobɛku no. 19 Deɛ n’abufuo so no bɛnya asotwe, na sɛ wogyaa no a, wobɛsane agyaa no bio. 20 Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu. 21 Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina. 22 Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ. 23 AWURADE suro de obi kɔ nkwa mu, deɛ ɔkura mu no bɛmee ada, na bɔne biara renka no. 24 Ɔkwadwofoɔ de ne nsa to ayowa mu, na ɔnsane mfa nkɔ n’anomu mpo. 25 Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu. 26 Deɛ ɔbɔ n’agya atirimuɔden na ɔpamo ne na no yɛ aniwuo ne ahohora ba. 27 Me ba, wogyae atenetene tie a, wobɛfom afiri nimdeɛ nsɛm ho bio. 28 Ɔdansehuhuni di atemmuo ho fɛw, na abɔnefoɔ ano mene mmusuo. 29 Wɔasiesie atemmuo ama afɛdifoɔ ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi. |
The Bible Society of Ghana, 2012