Mmebusɛm 18 - New Revised Asante Twi BibleAdamfofa ne asomdwoeɛpɛ 1 Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi. 2 Ɔkwasea nni nhunumu ho anika, na mmom sɛ ɔbɛyi n’akoma adie. 3 Ɔbɔnefoɔ ba a, animtiabuo nso ba, na adapaa ne ahohora na ɛnam. 4 Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura. 5 Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu. 6 Ɔkwasea ano ma ntɔkwa ba, na n’afono frɛfrɛ asotorɔ. 7 Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie. 8 Asomkasani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ ɔyafunu mpia mu. 9 Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no. 10 Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no. 11 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasuo a ɛkorɔn n’adwene mu. 12 Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ. 13 Deɛ ɔbua asɛm ansa na ɔteɛ no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwuo ma no. 14 Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa? 15 Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan. 16 Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim. 17 Deɛ ɔbɔ ne nkuro kane yɛ sɛ ɔteneneeni kɔsi sɛ ne yɔnko ba bɛpeepee mu. 18 Ntonto pata ntɔkwa, na ɛpae atumfoɔ ntam. 19 Onua a wɔafom no sene kuro denden, na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban. 20 Ɔbarima anomu aba ma ne yafunu mee, n’anomu nnɔbaeɛ mee no. 21 Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba. 22 Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ. 23 Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden. 24 Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua. |
The Bible Society of Ghana, 2012