Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 17 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔkasa mu nyansa ne nkwaseasɛm

1 Kɔntɔmoa wesee a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ayɛ no ma.

2 Akoa nimdefoɔ bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so, na ɔbɛnya agyapadeɛ mu kyɛfa wɔ anuanom mu.

3 Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE.

4 Ɔdebɔneyɛni tie ahuhudeɛ ano, ɔtorofoɔ yɛ aso ma mmusubɔ tɛkyerɛma.

5 Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

6 Nkɔkoraa abotire ne mma mma, na mma animuonyam ne wɔn agyanom.

7 Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ.

8 Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.

9 Deɛ ɔkata mfomsoɔ soɔ no hwehwɛ ɔdɔ, na deɛ ɔti asɛm mu no tete nnamfo ntam.

10 Nkaanim hyɛne nhunumufoɔ mu kyɛne sɛ wɔbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.

11 Atuateɛ nko na ɔbɔne rehwehwɛ, na wɔbɛsoma ɔbɔfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

12 Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.

13 Deɛ ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fie da.

14 Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.

15 Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ no, AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn baanu nyinaa.

16 Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire?

17 Adamfo dɔ berɛ nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa ahohiahia.

18 Onipa a ɔnni tire na ɔdi akagyinamu, na ɔdi ne ɔhɔhoɔ agyinamu.

19 Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no pɛ mmarato, deɛ ɔma ne dan ano korɔn mmorosoɔ no hwehwɛ n’ankasa ne pira.

20 Akoma mu kontonkyifoɔ nhunu papa, na tɛkyerɛma danedanefoɔ hwe bɔne mu.

21 Deɛ ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhoɔ, na anigyeɛ biara nni hɔ mma ogyegyentwie agya.

22 Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.

23 Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.

24 Nyansa wɔ nhunumufoɔ anim, na ɔkwasea deɛ, n’ani da asase ano nohoa.

25 Ɔba kwasea yɛ n’agya awerɛhoɔ ne ne na a ɔwoo no bɔnwono.

26 Sɛ wɔgye ɔteneneeni hɔ mmaratodeɛ a, ɛnyɛ, na sɛ wɔhwe adɛɛfoɔ a, ɛnyɛ koraa.

27 Deɛ ɔdodo ne nsɛm ho hunu nimdeɛ, na deɛ ne honhom dwoɔ yɛ nhunumu nipa.

28 Ogyimifoɔ mpo, ɔmua n’ano a, wɔbu no nyansafoɔ, aane, deɛ ɔka n’ano tom no, ɔyɛ nhunumuni.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan