Mmebusɛm 16 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn hunu nnipa nneyɛɛ 1 Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE. 2 Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE. 3 Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na wo nhyehyɛɛ bɛtim. 4 AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne. 5 Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. 6 Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne. 7 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ. 8 Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu. 9 Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn. 10 Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anomu, atemmuo mu nso n’ano mfom. 11 Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea, fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma. 12 Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim. 13 Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee, na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no. 14 Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no. 15 Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum. 16 Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ. 17 Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra. 18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan. 19 Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ. 20 Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa, na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ. 21 Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ. 22 Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm. 23 Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu. 24 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan. 25 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan. 26 Odwumayɛni kɔm yɛ adwuma ma no, ɛfiri sɛ n’ano piapia no. 27 Obusuyɛfoɔ bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehyeɛ. 28 Onipa kontonkyi hyɛ takrawɔgyam, na asomsɛmkani tete nnamfo ntam. 29 Omimdifoɔ sisi ne yɔnko, na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so, 30 ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ. 31 Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono, wɔhu no tenenee kwan so. 32 Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro. 33 Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE. |
The Bible Society of Ghana, 2012