Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 13 - New Revised Asante Twi Bible


Nyansa ne nkwaseasɛm

1 Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.

2 Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo.

3 Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.

4 Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.

5 Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ.

6 Tenenee kora deɛ ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butu ɔdebɔneyɛfoɔ.

7 Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.

8 Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.

9 Teneneefoɔ hann dɛre anigyeɛ, na abɔnefoɔ kanea deɛ ɛbɛdum.

10 Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.

11 Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.

12 Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.

13 Deɛ ɔbu asɛm animtia de ɔsɛeɛ ba ne ho so, na deɛ ɔsuro mmara no deɛ, ɔbɛnya akatua.

14 Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ yɛ nkwa asutire, sɛ onipa de bɛfiri owuo fidie mu.

15 Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofoɔ kwan deɛ ɛyɛ aboabo.

16 Onitefoɔ yɛ n’adeɛ nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea deɛ ɔtrɛtrɛ n’agyimisɛm mu.

17 Ɔbɔfoɔ bɔne hwe amaneɛ mu, na ɔsomafoɔ nokwafoɔ deɛ ɔsa yadeɛ.

18 Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam.

19 Akɔnnɔdeɛ a nsa aka yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fire yɛ nkwaseafoɔ akyiwadeɛ.

20 Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.

21 Bɔne ti nnebɔneyɛfoɔ, na ateneneefoɔ deɛ, ɔde papa tua wɔn ka.

22 Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.

23 Ahiafoɔ mfuo ma aduane pii ba, nanso atɛntenenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.

24 Deɛ ɔkora n’abaa tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, tene no ntɛm so.

25 Ɔteneneeni bɛdidi ama ne kra amee, na abɔnefoɔ yafunu bɛda mpan.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan