Mmebusɛm 12 - New Revised Asante Twi BibleOnyansafoɔ ne ɔkwasea su 1 Deɛ ɔdɔ atenetene dɔ nimdeɛ, na deɛ ɔtane animka di mmoasɛm. 2 Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ. 3 Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na ateneneefoɔ nhini rempusu. 4 Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ. 5 Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo. 6 Abɔnefoɔ nsɛm yɛ mogyatɛ, na teefoɔ ano bɛyi wɔn. 7 Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ, na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina. 8 Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase. 9 Deɛ wɔmmu no nanso ɔwɔ akoa no yɛ sene deɛ ɔhyehyɛ ne ho na n’aduane bɔ no. 10 Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden. 11 Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee, na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti. 12 Ɔbɔnefoɔ pɛ deɛ nnipa bɔne anya, na ateneneefoɔ nhini bɛso aba. 13 Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu. 14 Onipa anomu aba na ɔde bɛdi papa ameeɛ, na onipa nsa ano adeɛ na wɔbɛdane ama no. 15 Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ. 16 Ogyimifoɔ abohuro da adi ntɛm, na ɔbadwemma deɛ, ɔkata aniwuo so. 17 Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene, na ɔdansekurumfoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo. 18 Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ. 19 Nokorɛ ano tim hɔ daa, na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa. 20 Nnaadaa wɔ wɔn a wɔdwene bɔne akoma mu, na asomdwoeɛ ho afotufoɔ nya anigyeɛ. 21 Mmusuo biara rento ɔteneneeni, na amaneɛ bɛhyɛ abɔnefoɔ ma. 22 AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani. 23 Onipa niteɛfoɔ kora nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma pae agyimisɛm mu. 24 Nsiyɛfoɔ nsa bɛdi panin, na aniha nsa bɛyi toɔ. 25 Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam. 26 Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom. 27 Onihafoɔ nsa nka ne hanam, na nsiyɛfoɔ deɛ ɔnya onipa adeɛ a ne boɔ yɛ den. 28 Tenenee kwan so na nkwa wɔ, na kwatikwan deɛ, ɛkɔ owuo mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012