Mmebusɛm 11 - New Revised Asante Twi BibleTeefoɔ ahotɔ ne abɔnefoɔ ahoyera 1 Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ. 2 Ahantan ba a, na aniwuo ba, na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ. 3 Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn. 4 Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da, na tenenee gye onipa firi owuo mu. 5 Pɛyɛfoɔ tenenee bɛtene ne kwan, na ɔbɔnefoɔ deɛ ɔbɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. 6 Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn, na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn. 7 Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera, na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera. 8 Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu, na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane. 9 Ɔdebɔneyɛni de n’ano sɛe ne yɔnko, na teneneefoɔ nimdeɛ na wɔde bɛyi wɔn. 10 Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn, na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro. 11 Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ, na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no. 12 Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti, na nhunumu nipa mua n’ano. 13 Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi, na nokorɛ honhom kata asɛm so. 14 Deɛ akwankyerɛ nnie no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoeɛ wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. 15 Deɛ ɔdi hɔhoɔ agyinamu no, ɛbɛwie no bɔne, na deɛ ɔtane agyinamudeɛ no aso mu dwo no. 16 Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam, na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa. 17 Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie, na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam. 18 Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua. 19 Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu, na deɛ ɔti bɔne no nya owuo. 20 AWURADE akyiwadeɛ ne akoma kontonkyifoɔ, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. 21 Ampa ara, ɔbɔnefoɔ renni bem. Na teneneefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛgye wɔn. 22 Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no, sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no. 23 Teneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ yɛ papa nko ara, na abɔnefoɔ deɛ anidasoɔ dane wɔn abufuo. 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara. 25 Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee. 26 Deɛ ɔkora aburoo no, nkurɔfoɔ dome no, na nhyira ba deɛ ɔtɔn no so. 27 Deɛ ɔpɛ papa akyiri kwan no hwehwɛ anisɔ, na deɛ ɔdi bɔne akyire no, ɛba ne so. 28 Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan. 29 Deɛ ɔha ne fie bɛdi mframa, na ogyimifoɔ bɛyɛ akoma mu nyansafoɔ akoa. 30 Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra. 31 Hwɛ, sɛ wɔtua ɔteneneeni ka asase so a, na nkantom ɔbɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012