Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 5 - New Revised Asante Twi Bible


Deɛ wɔasra no no awoɔ ne n’ahennie

1 Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi.

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.

3 Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ, na ne nuanom nkaeɛ bɛsane ne Israel mma nso aba.

4 Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.

5 Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.

6 Na wɔde afena ayɛne Asiria asase ne Nimrod asase n’apono mu. Na sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

7 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.

8 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

9 Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so, na w’atamfo nyinaa to ntwa.

10 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, mɛtwa w’apɔnkɔ mafiri wo mu, na masɛe wo nteaseɛnam,

11 na matwitwa w’asase so nkuro, na madwiri w’abandenden nyinaa;

12 na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam, na woannya akɔmfoɔ bio;

13 na mɛtwitwa w’ahoni ne w’adum afiri wo mu, na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;

14 na mɛtutu w’abosompɔ Asera afiri wo mu, na masɛe wo nkuro;

15 na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were, amanaman a wɔantie me no so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan