Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 3 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔkasa tia ɔman no mu atitire

1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo?

2 Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,

3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne ɛsɛn mu nam.

4 Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.

5 Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.

6 Saa nti adeɛ bɛsa mo, mo anisoadehunu ho, na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho, na owia bɛtɔ adiyifoɔ no so, na adekyeeɛ adane wɔn so sum kabii;

7 na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.

8 Na me deɛ, AWURADE honhom mu tumi ne atemmuo ne mmaninyɛ ahyɛ me ma, sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato, ne Israel ne bɔne.

9 Montie yei ɛ, Yakob fie atitire ne Israel fie atemmufoɔ, mo a mokyiri atemmuo na mokyea deɛ ɛtene nyinaa,

10 mo a mokyekyere Sion, mogyahwieguo mu ne Yerusalem, akontonkyideɛ mu.

11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.

12 Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan