Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mika 1 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE bɛba abɛbu wiase atɛn

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

4 Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

5 Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?


Samaria ne Yerusalem sɛeɛ

6 Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.

7 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.

8 Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.

9 Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem.

10 Monnka nnkyerɛ Gat, esu nso monnkɔsu; Bet-leafra na monyantam mfuturo mu.

11 Safirfoɔ, monsene nkɔ, adagya aniwuo mu; Saananfoɔ mfiri adi; Bet-esel agyaadwotwa ma mo gyinabea bɔ mo;

12 na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano.

13 Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.

14 Enti wobɛma Moreset-gat nkradie akyɛdeɛ: Aksib afie di Israel ahemfo hwammɔ.

15 Maresafoɔ mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo; Adulam na Israel animuonyamfoɔ bɛduro.

16 Bɔ tikwa na wewɛre wo ho, w’anigyeɛ mma nti ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ, ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan