Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 28 - New Revised Asante Twi Bible


Ɛda hunu no
( Marko 16.1-10 ; Luka 24.1-10 ; Yohane 20.1-18 )

1 Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no.

2 Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so.

3 Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.

4 Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ.

5 Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

6 Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!

7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.


Wɔhyia Yesu

8 Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no.

9 Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no.

10 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ma adanmudeɛ

11 Na wɔrekorɔ no, hwɛ, awɛmfoɔ no mu binom baa kuro no mu bɛkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no.

12 Na wɔne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔtuu agyina no, wɔmaa asraafoɔ no sika bebree

13 kaa sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdaeɛ no, na n’asuafoɔ ba bɛwiaa no.

14 Na sɛ yei duru amrado aso mu a, yɛbɛkyerɛ no mu, na mo ho anka mu.

15 Na wɔgyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de abɛsi nnɛ.


Asɛmpatrɛ adwuma ho ahyɛdeɛ

16 Na asuafoɔ dubaako no sii mu kɔɔ Galilea, bepɔ a Yesu kyerɛɛ wɔn no so.

17 Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ.

18 Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.

19 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,

20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan