Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 27 - New Revised Asante Twi Bible


Yesu gyina amrado anim

1 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.

2 Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.


Yuda ahonu

3 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ:

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!

5 Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene.

6 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.

7 Na wɔtuu agyina, na wɔde kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase no, na wɔasie ahɔhoɔ wɔ mu.

8 Enti wɔfrɛɛ asase no sɛ Mogya Asase de bɛsi nnɛ.

9 Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Na megyee nnwetɛbena aduasa a ɛyɛ deɛ wɔbɔɔ ne boɔ, tɔɔ no firii Israel mma nsam no tiri adeɛ no

10 de kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no.


Pilato asɛmmisa
( Marko 15.2-5 ; Luka 23.2-3 ; Yohane 18.29-38 )

11 Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka.

12 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no retoto n’ano no, wammua bi.

13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: Wonte nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?

14 Na wammua no asɛm baako mpo ho, maa no yɛɛ amrado no nwanwa yie.


Wɔbu Yesu kumfɔ
( Marko 15.6-15 ; Luka 23.13-25 ; Yohane 18.39—19.1 )

15 Na daa, afahyɛ no mu, amrado gyaa ɔdeduani baako a nkurɔfokuo no pɛ no no ma wɔn.

16 Nso ɛberɛ no mu na ɔwɔ ɔdeduani bi a wagye din a wɔfrɛ no Baraba.

17 Enti wɔhyiaeɛ no, Pilato see wɔn sɛ: Hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?

18 Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ.

19 Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.

20 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tuu nkurɔfoɔ akuakuo no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wɔnkum Yesu.

21 Bio, amrado no bisaa wɔn sɛ: Wɔn mmienu yi mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no mema mo? Na wɔkaa sɛ: Baraba.

22 Pilato see wɔn sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kaa sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

23 Ɛnna ɔse: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!

24 Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.

25 Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.

26 Ɛnna ɔgyaee Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, ɔyii no maa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.


Yesu ho agorɔdie
( Marko 15.16-19 ; Yohane 19.2-3 )

27 Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim.

28 Na wɔyii n’atadeɛ na wɔde akatakɔnmu kɔkɔɔ bi guu ne so,

29 na wɔde nkasɛɛ nwonoo abotire hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔbuu nkotodwe n’anim goroo ne ho sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo!

30 Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam.


Wɔbɔ Yesu asennua mu
( Marko 15.20-41 ; Luka 23.26 ; 23.33-49 ; Yohane 19.16-30 )

31 Na wɔwiee ne ho agorɔ die no, wɔyii akatakɔnmu no firii ne ho, na wɔde ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

32 Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.

33 Na wɔkɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota (a aseɛ ne ne tikwankoraa bea),

34 wɔmaa no nsa kekakeka a wɔde bɔnwono afra mu sɛ ɔnnom; na ɔkaa n’ano no, wampɛ sɛ ɔnom.

35 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so).

36 Na wɔtenatenaa ase hɔ wɛnn no.

37 Na wɔde n’afodisɛm a wɔatwerɛ no fam n’atifi sɛ: Yesu Yudafoɔ hene no ni!

38 Ɛnna wɔbɔɔ adwotwafoɔ baanu asɛnnua mu kaa ne ho, ɔbaako wɔ nifa, na ɔbaako wɔ benkum.


Nkurɔfoɔ no keka abususɛm

39 Na wɔn a wɔretwam no wosoo wɔn ti, kekaa abususɛm tiaa no

40 sɛ: Wo a wodwiri asɔredan, na wode nnansa sie, gye wo ho ɛ! Sɛ Nyankopɔn ba ne wo a, firi asɛnnua no ho si fam!

41 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no goroo ne ho

42 sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.

43 Aane, ɔde ne ho ato Nyankopɔn so, sɛ ɔpɛ a, ma no nye no ɛ; ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn ba ne me!

44 Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.


Yesu wuo

45 Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

46 Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?

47 Na wɔn a wɔgyina hɔ no mu bi teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ɔrefrɛ Elia.

48 Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee.

49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: Gyae, na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa?

50 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.


Anwanwadeɛ a ɛsiiɛ

51 Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.

52 Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee,

53 na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.


Asraafoɔ no suro

54 Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!

55 Na mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wɔdii Yesu akyi firii Galilea somm no;

56 na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Yesu sie
( Marko 15.42-47 ; Luka 23.50-55 ; Yohane 19.38-42 )

57 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔdefoɔ bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ;

58 ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no.

59 Na Yosef faa amu no de nwera a ani teɛ kyekyeree ho.

60 Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

61 Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ.


Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ahodasoɔ

62 Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi ahosiesie da no akyiri no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ bɛhyiaa Pilato nkyɛn

63 sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.

64 Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.

65 Pilato see wɔn sɛ: Monnye awɛmfoɔ nkɔ nkɔwɛn sɛdeɛ mobɛtumi.

66 Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan