Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 25 - New Revised Asante Twi Bible


Mmabaawa du ho bɛ

1 Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho.

2 Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma.

3 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura;

4 na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.

5 Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ no, wɔn nyinaa ani kumee na wɔdedaeɛ.

6 Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!

7 Ɛnna mmabaawa no nyinaa sɔre kekaa wɔn nkanea.

8 Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn nkanea redunnum.

9 Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ!

10 Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu.

11 Na akyire yi no, mmabaawa a aka no nso ba bɛkaa sɛ: Owura, Owura, hini yɛn!

12 Na ɔbuaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, menni mo.

13 Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Nkoa pa ne akoa bɔne ho asɛm
( Luka 19.12-27 )

14 Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde deɛ ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.

15 Na ɔmaa ɔbaako talente nnum, na ɔbaako mmienu, na ɔbaako nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan.

16 Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.

17 Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no nso kɔnyaa mmienu kaa ho.

18 Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔ kɔtutuu fam, na ɔde ne wura no sika no sieeɛ.

19 Na ɛkyɛreeɛ no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bɛbuu nkonta.

20 Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho.

21 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

22 Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: Owura, talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ mmienu maka ho.

23 Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, wadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!

24 Na deɛ ɔnyaa talente baako no nso baa sɛ: Owura, menim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wotwa faako a wonnuaeɛ, na woboaboa ano faako a womfa mpeteeɛ;

25 enti mesuroe, na mede wo talente no mekɔsiee fam. Hwɛ, w’adeɛ ni!

26 Ɛnna ne wura no bua see no sɛ: Akoa bɔne ne onihafoɔ, wonim sɛ metwa faako a mennuaeɛ, na meboaboa ano faako a memfa mempeteeɛ?

27 Ɛnneɛ anka ɛsɛ sɛ wode me sika no kɔhyɛ sikasesafoɔ nsa, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho.

28 Enti monnye ne nsam talente no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ talente du no!

29 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no na wanya aboro so; na deɛ ɔnni bie no deɛ, deɛ ɔwɔ no mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.

30 Na akoa a ne ho nni mfasoɔ no, momfa no nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Atemmuda kɛseɛ no

31 Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.

32 Na ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaepae wɔn mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwanten ne mmirekyie mu.

33 Na ɔde nnwanten no bɛgyina ne nifa, na ɔde mmirekyie no agyina benkum.

34 Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!

35 Na ɛkɔm dee me, na momaa me biribi diiɛ, na sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomee, meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mofaa me kɔɔ mo fie;

36 medaa adagya, na mofiraa me ntoma, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.

37 Ɛnna nnipa tenenee no bɛbua no sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ, na yɛmaa wo aduane, anaasɛ sukɔm de woɔ, na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?

38 Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyɛ ɔhɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaasɛ woda adagya, na yɛfiraa wo ntoma?

39 Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛbaa wo nkyɛn?

40 Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.

41 Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!

42 Na ɛkɔm dee me, na moamma me biribi anni, sukɔm dee me, na moamma me biribi annom;

43 meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.

44 Ɛnna wɔn nso bɛbua sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ anaasɛ sukɔm de woɔ, anaasɛ woyɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ woda adagya, anaasɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛammɛsom woɔ?

45 Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me.

46 Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan