Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 24 - New Revised Asante Twi Bible


Yesu hyɛ asɔrefie sɛeɛ ho nkɔm
( Marko 13 ; Luka 21.5-36 )

1 Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Kristo ba a ɔbɛba bio

3 Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?

4 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.

5 Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.

6 Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.

7 Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.

8 Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.


Ɔtaa, akyirisan ne asɛmpa no ka

9 Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo.

10 Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho.

11 Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

12 Na ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo.

13 Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.

14 Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.


Akyiwadeɛ a ɛbɔ man no

15 Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no a Odiyifoɔ Daniel kaeɛ no, sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, (deɛ ɔrekenkan no, ma no nte aseɛ!)

16 Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ bepɔ soɔ.

17 Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;

18 na deɛ ɔwɔ wiram nso nnsane n’akyiri mmmɛfa ne ntoma.

19 Na wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!


Ahohia kɛseɛ

20 Na mommɔ mpaeɛ na mo dwane no amma awɔberɛ anaa homeda.

21 Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba.

22 Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.


Onipa ba no ba

23 Ɛno na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! anaasɛ ɔwɔ ha! a, monnnye nnni!

24 Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

25 Hwɛ, maka makyerɛ mo dada.

26 Enti sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ serɛ so! a, monnkɔ; hwɛ, ɔwɔ mpia mu! a, monnnye nnni!

27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, sɛdeɛ Onipa Ba no ba nso bɛyɛ ara ne no.

28 Na faako a efunu wɔ no, ɛhɔ na apɛtɛ bɛboaboa wɔn ano.

29 Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.

30 Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.

31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.

32 Monsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ ne ban nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.

33 Saa ara nso na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano!

34 Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba mu ansa.

35 Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.

36 Na ɛda no ne dɔn ko no deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.

37 Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

38 Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu,

39 na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.

40 Ɛnna nnipa baanu a wɔwɔ afuo mu, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.

41 Mmaa mmienu a wɔreyam owiyammoɔ soɔ, wɔbɛfa ɔbaako na wɔagya koro no.

42 Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.

43 Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.

44 Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Nkoa pa ne nkoa bɔne

45 Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?

46 Nhyira ne akoa a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa.

47 Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so.

48 Na sɛ akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ: Me wura rekyɛre ba,

49 na ɔfiri aseɛ boro ne nwirakwaa, na ɔne asabofoɔ didi nom a,

50 akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,

51 na wabɛtwitwa ne mu asinasini na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan