Mateo 23 - New Revised Asante Twi BibleYesu ka Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ anim ( Marko 12.38-40 ; Luka 20.45-47 ) 1 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo ne n’asuafoɔ no 2 sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena. 3 Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. 4 Na wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka. 5 Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ. 6 Na wɔpɛ mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase, ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, 7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! 8 Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom. 9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na ɔbaako ne mo agya, ɔne deɛ ɔwɔ soro no. 10 Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na ɔbaako ne mo wura, ɔne Kristo no. 11 Na deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no nyɛ mo somfoɔ. 12 Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so. 13 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu. 14 (Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.) 15 Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ motwa ɛpo ne asase ho hyia sɛ mobɛyɛ onipa baako mo fekuni; na sɛ ɔyɛ a, moyɛ no amanehunu kuromani mmɔho mmienu sene mo ara. 16 Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no. 17 Mo anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho teɛ no? 18 Na obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛdeɛ a ɛgu soɔ no ntam deɛ a, ɛkyekyere no. 19 Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛdeɛ no anaa afɔrebukyia a ɛma ayɛyɛdeɛ no ho teɛ no? 20 Enti deɛ ɔde afɔrebukyia bɛka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɛwɔ soɔ no nyinaa na ɛka, 21 na deɛ ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɔte mu no na ɛka. 22 Na deɛ ɔde ɔsoro ka ntam no, ɔde Nyankopɔn ahennwa ne deɛ ɔte soɔ no na ɛka. 23 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso. 24 Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne yi nwansena twene, na momene yoma. 25 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma. 26 Farisini nifirani! Hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na akyire nso afi. 27 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho, a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ, nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma. 28 Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa tenenee wɔ nnipa anim, na mo mu deɛ, nyaatwom ne amumuyɛ ayɛ ma. 29 Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mototo adiyifoɔ nna soɔ na mosiesie ateneneefoɔ aboda mu, 30 na moka sɛ: Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu. 31 Yei na mode di mo ho adanseɛ sɛ wɔn a wɔkumm adiyifoɔ no mma ne mo. 32 Mo nso monhyɛ mo agyanom susukoraa no ma! 33 Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo? 34 Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu; 35 na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so. 36 Nokorɛ mese mo sɛ, yeinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so. Yesu twa Yerusalem ho adwo 37 Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38 Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo. 39 Na mese mo sɛ, ɛfiri sɛsɛɛ morenhu me de bɛkɔ akɔsi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no. |
The Bible Society of Ghana, 2012