Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 22 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔhene ba ayeforɔhyia
( Luka 14.16-24 )

1 Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ:

2 Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforɔ pono maa ne ba.

3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba.

4 Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum m’anantwie ne me nyɛmmoa, na wɔawie nnoɔma nyinaa; mommra ayeforɔ no ase!

5 Na wɔn deɛ, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe. Obi kɔɔ n’afuo mu, na obi nso kɔdii ne dwa.

6 Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.

7 Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.

8 Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn.

9 Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodoɔ a mobɛhu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforɔ no ase.

10 Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma.

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

12 Na ɔbisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha sɛn ni, na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum.

13 Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.

14 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔyi wɔn no deɛ, wɔyɛ kakraa bi.


Ɛtoɔ ho asɛmmisa
( Marko 12.13-17 ; Luka 20.20-26 )

15 Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu.

16 Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

17 Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi?

18 Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?

19 Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne n’atwerɛ nie?

21 Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!

22 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa; na wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.


Owusɔreɛ ho asɛmmisa
( Marko 12.18-27 ; Luka 20.27-40 )

23 Da no ara na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no

24 sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no.

25 Na anuanom baason bi tenaa yɛn nkyɛn ha. Deɛ ɔdi kan no waree, na ɔwui; wannya mma, na ɔgyaa ne yere maa ne nua.

26 Saa ara nso na deɛ ɔtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no yɛeɛ de kɔduruu nson no soɔ.

27 Na wɔn nyinaa akyiri no, ɔbaa no nso wui.

28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbɛyɛ ne yerɛ? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa aware no.

29 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na monnim twerɛ nsɛm ne Nyankopɔn tumi.

30 Owusɔreɛ mu no, wɔnware na wɔmma awadeɛ na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.

31 Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn

32 sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.

33 Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiri.


Ɔdɔ ne mmara a ɛdi kan
( Marko 12.28-31 ; Luka 10.25-28 )

34 Na Farisifoɔ no tee sɛ wamua Sadukifoɔ no ano no, wɔkɔhyiaa faako.

35 Na wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa no de sɔɔ no hwɛɛ sɛ:

36 Kyerɛkyerɛfoɔ, mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?

37 Na ɔsee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!

38 Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

39 Na deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

40 Mmara nsɛm mmienu yi so na mmara ne adiyifoɔ no nyinaa gyina.


Dawid ba ho asɛmmisa
( Marko 12.35-37 ; Luka 20.41-44 )

41 Na Farisifoɔ no hyiaeɛ no, Yesu bisaa wɔn

42 sɛ: Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no? Wɔsee no sɛ: Dawid.

43 Ɔbisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ:

44 Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfoɔ bɛgu wo nan ase?

45 Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?

46 Na obiara antumi ammua no asɛm biara, nanso ɛfiri da no, obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan