Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 21 - New Revised Asante Twi Bible


Yesu hyɛne Yerusalem nkunimdie mu
( Marko 11.1-10 ; Luka 19.29-38 ; Yohane 12.12-19 )

1 Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ baanu

2 see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me!

3 Na sɛ obi bisa mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.

4 Na yei nyinaa sii, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ:

5 Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔdwo, na ɔte afunumu ne afunumu a ɔsoa nnoɔma ba so.


Yesu hyɛne Yerusalem

6 Na asuafoɔ no kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no

7 de afunumu no ne ne ba no baeɛ, na wɔde wɔn ntadeɛ guguu wɔn so, na ɔtenaa so.

8 Na nkurɔfokuo no mu pii de wɔn ntadeɛ sesɛɛ kwan no mu, na ebinom nso twitwaa dua mman, na wɔde sesɛɛ kwan no mu.

9 Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi kan ne wɔn a wɔdi akyire teateaa mu sɛ: Hosiana, Dawid ba no! Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no! Hosiana wɔ sorosoro nohoa!

10 Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: Hwan ni?

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Yesu pam adwadifoɔ firi asɔrefie
( Marko 11.11-24 ; Luka 19.45-48 )

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

13 Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔfie, na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.

14 Na anifirafoɔ ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yadeɛ.

15 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,

16 na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?

17 Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.


Ɔdome borɔdɔma dua

18 Na anɔpa a Yesu resane aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no.

19 Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.

20 Na asuafoɔ no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma yi apoɔ yi?

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.

22 Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.


Mpanimfoɔ no animguaseɛ
( Marko 11.27-33 ; Luka 20.1-8 )

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

24 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mɛbisa mo asɛm baako a, sɛ moyi m’ano a, me nso mɛka tumi a mede meyɛ nnoɔma yi makyerɛ mo:

25 Yohane asubɔ no, ɛfiri he? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Na wɔsusuu wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛse yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no annie?

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

27 Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.


Ɔsetie ne asoɔden

28 Na modwene yei ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turo mu adwuma!

29 Na ɔba no buaa sɛ: Merenkɔ! Na akyire yi, ɔsesaa n’adwene, na ɔkɔeɛ.

30 Na ɔkɔɔ deɛ ɔka ho no hɔ, kɔkaa saa ara kyerɛɛ no. Na ɔbuaa sɛ: Owura mɛkɔ! nanso wankɔ.

31 Wɔn baanu yi mu hwan na ɔyɛɛ deɛ n’agya pɛ? Na wɔse: Deɛ ɔdi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, togyefoɔ ne nnwamamfoɔ redi mo anim akɔ Nyankopɔn ahennie mu.

32 Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni.


Akuafoɔ bɔne no
( Marko 12.1-12 ; Luka 20.9-19 )

33 Montie ɛbɛ foforɔ! Afuowura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo aban tentene, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofoɔ bi nsa, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi.

34 Na aduaba berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye n’aduaba mmra.

35 Na ahwɛsofoɔ no faa ne nkoa no, na wɔhwee bi, na wɔkumm bi, na wɔsii bi aboɔ.

36 Bio, ɔsomaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene akane deɛ no; nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.

37 Na akyire yi, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.

38 Nanso ahwɛsofoɔ no hunuu ɔba no no, wɔkekaa wɔn mu sɛ: Oyi ne ɔdedifoɔ no; mommra mma yɛnkum no, na n’apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn deɛ.

39 Na wɔfaa no twee no firi bobe turo no mu hɔ kɔkumm no.

40 Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofoɔ no?

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.

42 Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?

43 Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.

44 Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.

45 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mmebuo no, wɔhunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka.

46 Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan