Mateo 20 - New Revised Asante Twi BibleBobe turo mu adwumayɛfoɔ 1 Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu. 2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu. 3 Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa. 4 Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo. 5 Na wɔkɔeɛ. Bio, ɛbɛyɛ awia dummienu ne nnɔn mmiɛnsa no, ɔfiri adi kɔyɛɛ saa ara. 6 Na ɛbɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum mu no, ɔfirii adi kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina hɔ kwa, na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mogyinagyina ha kwa adekyeeɛ nyinaa yi? 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ! 8 Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so. 9 Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum baeɛ no, wɔn nyinaa nyaa denare denare. 10 Na adikanfoɔ no baeɛ no, wɔsusuu sɛ wɔbɛnya deɛ ɛkyɛne saa; na wɔn nso nyaa denare denare. 11 Na ɛkaa wɔn nsa no, wɔnwiinwii afuowura no so 12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ. 13 Na ɔbua see wɔn mu baako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne; wo ne me anni ano denare anaa? 14 Fa wo deɛ na kɔ! Menni kwan sɛ mema deɛ ɔbaa akyire yi sɛ wo, 15 anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi? 16 Saa na akyikafoɔ bɛdi kan, na adikanfoɔ adi akyire; (na wɔafrɛ bebree nanso kakraa bi na wɔayi wɔn.) Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa ( Marko 10.32-34 ; Luka 18.31-33 ) 17 Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dummienu no nko ara kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 18 Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabu no kumfɔ, 19 na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio. Ɔsoro ahennie mu dibea ( Marko 10.35-45 ) 20 Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotoo no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi. 21 Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ? Ɔbua see no sɛ: Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum w’ahennie no mu. 22 Na Yesu buaa sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wɔsee no sɛ: Yɛbɛtumi. 23 Na ɔsee wɔn sɛ: Me kuruwa deɛ mobɛnom, (na m’asubɔ nso mobɛnya,) na me nifa ne me benkum tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn. Ɔsom na ɛpagya onipa 24 Na edu no teeɛ no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwoɔ. 25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔkaa sɛ: Monim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi. 26 Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ, 27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa, 28 sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no. Anifirafoɔ mmienu adehunu ( Marko 10.46-52 ; Luka 18.35-43 ) 29 Na wɔfiri Yeriko rekorɔ no, nkurɔfokuo pii dii n’akyi. 30 Na hwɛ, anifirafoɔ mmienu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteateaa mu sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! 31 Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! 32 Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo? 33 Wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn ani mmue! 34 Na Yesu hunuu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kaa wɔn ani; na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi. |
The Bible Society of Ghana, 2012