Mateo 19 - New Revised Asante Twi BibleYesu firi Galilea ( Marko 10.1-12 ) 1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so, Yordan agya. 2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Awaregyaeɛ ho asɛmmisa 3 Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa? 4 Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn? 5 Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ? 6 Enti na wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa biara nntete mu. 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no? 8 Ɔsee wɔn sɛ: Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ monnyaa mo yerenom; na ɛfiri mfitiaseɛ no, anka ɛnte saa. 9 Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.) 10 Asuafoɔ no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa deɛ a, na ɛnyɛ sɛ wɔwareɛ. 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛbɛtumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn. 12 Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye. Yesu hyira mmɔfra ( Marko 10.13-16 ; Luka 18.15-17 ) 13 Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim. 14 Na Yesu kaa sɛ: Momma mmɔfra no kwan na monnsi wɔn me nkyɛn ba kwan; na yeinom sɛɛ yi na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ɔfiri hɔ kɔeɛ. Daa nkwa ( Marko 10.17-31 ; Luka 18.18-30 ) 16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa? 17 Na ɔsee no sɛ: Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so! 18 Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! 19 Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi yeinom nyinaa so. Ɛdeɛn na aka me bio? 21 Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi! 22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. 23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu. Ahonyadeɛ ho mmusuo 24 Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu. 25 Na n’asuafoɔ no teeɛ no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa? 26 Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ. Ahopakyire 27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya? 28 Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn. 29 Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa. 30 Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan. |
The Bible Society of Ghana, 2012