Mateo 18 - New Revised Asante Twi BibleAhobrɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ ( Marko 9.33-47 ; Luka 9.46-48 ) 1 Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ ɔsoro ahennie no mu? 2 Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini, 3 na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu. 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu. 5 Na obiara a ɔbɛgye abɔfra a ɔte sɛɛ baako me din mu no, wagye me; 6 na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu. Suntiduatoɔ 7 Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue! 8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu. 9 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu. Odwan a wayera ( Luka 15.3-7 ) 10 Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa. 11 [Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛgye deɛ ayera.] ( Luka 15.4-7 ) 12 Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa? 13 Na sɛ ɛba sɛ ɔhu no a, nokorɛ mese mo sɛ, n’ani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔamfom kwan no ho. 14 Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera. Sɛdeɛ wɔne onua a ɔfom die 15 Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔyi no atɛn, wo ne no nko ara ntam. Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua. 16 Na sɛ wantie a, fa onipa baako anaa baanu ka wo ho, na asɛm no nyinaa nnyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anomu. 17 Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ ɔbosonsonni ne togyeni. 18 Nokorɛ mese mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere no asase soɔ no, wɔbɛkyekyere no soro; na biribiara a mobɛsane no asase soɔ no, wɔbɛsane no soro. 19 Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo. 20 Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini. Mprɛ dodoɔ a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ 21 Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Awurade, mprɛ ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛnson anaa? 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mense wo sɛ ɛnkɔsi mprɛ nson, na mmom mprɛ aduɔson ahodoɔ nson. Akoa tirimuɔdenfoɔ no 23 Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta. 24 Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no. 25 Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no. 26 Ɛnna akoa no gyae ne ho too fam wɔ n’anim srɛɛ no sɛ: Owura to wo bo ase ma me, na mɛtua wo ne nyinaa. 27 Na akoa no wura no hunuu no mmɔbɔ, na ɔgyaee no, na ɔde ka no kyɛɛ no. 28 Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka! 29 Na n’awirakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: To wo bo ase ma me, na mɛtua. 30 Nanso ɔno deɛ, wampene, na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka no. 31 Na nwirakwaa no hunuu deɛ ɛsiiɛ no, ɛyɛɛ wɔn ya pii, na wɔba bɛkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no. 32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ɛka no nyinaa mekyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ sɛ wo nso wohunu w’awirakwaa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no anaa? 34 Na ne wura no bo fui, na ɔde no maa ahohiahiafoɔ sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛtua no deɛ ɔde no nyinaa. 35 Saa ara na sɛ mo mu biara amfiri n’akomam amfa ne nua mfomsoɔ ankyɛ no a, me soro Agya nso bɛyɛ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012