Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 17 - New Revised Asante Twi Bible


Yesu animuonyam hran
( Marko 9.2-13 ; Luka 9.28-36 )

1 Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi.

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.

5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!

6 Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.

7 Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro!

8 Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara.

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


Elia ba

10 Na asuafoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na Atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa?

11 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ,

12 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.

13 Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.


Ɔtwafoɔ bi ayaresa
( Marko 9.14-29 ; Luka 9.37-42 )

14 Na wɔduruu nkurɔfokuo no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotoo no

15 sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.

16 Na mede no mebrɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yadeɛ.

17 Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!

18 Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.


Gyidie mu tumi

19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn ɛfa baabi, na wɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no?

20 Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.

21 (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)


Yesu wuo ne ne wunyane ho nkɔmhyɛ foforɔ
( Marko 9.30-32 ; Luka 9.43-45 )

22 Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,

23 na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.


Yesu tua asɔrefie ho toɔ

24 Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔ no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa?

25 Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?

26 Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.

27 Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan