Mateo 16 - New Revised Asante Twi BibleƆsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi ( Marko 8.11-21 ) 1 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi. 2 Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri sɛ ɔsoro abere. 3 Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu. 4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ. Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka 5 Na asuafoɔ no duruu asuogya nohoa no, na wɔn werɛ afiri sɛ wɔfa paanoo. 6 Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho! 7 Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira. 8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira? 9 Monnya nhunui, na monkae nnipa mpemnum paanoo nnum no ne nkɛntɛn dodoɔ a monyaeɛ? 10 Anaasɛ nnipa mpemnan paanoo nson ne nkɛntɛn bebree a monyaeɛ? 11 Ɛdeɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na mereka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho! 12 Ɛnna wɔhunuu sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie paanoo mmɔreka ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no nkyerɛkyerɛ ho. Petro kyerɛ nipa ko a Yesu yɛ ( Marko 8.27-30 ; Luka 9.18-21 ) 13 Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan? 14 Na wɔse: Ebinom se: Yohane suboni no. Ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako. 15 Ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo nso, mose mene hwan? 16 Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba! 17 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no. 18 Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so. 19 Na mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase soɔ no, na wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no, na wɔasane no soro. 20 Ɛnna ɔhyɛɛ asuafoɔ no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no. Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ ( Marko 8.31—9.1 ; Luka 9.22-27 ) 21 Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane. 22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da! 23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene. Ahopakyire 24 Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi. 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka. 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? 27 Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ. 28 Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012