Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 15 - New Revised Asante Twi Bible


Honhom mu ahoteɛ
( Marko 7.1-23 )

1 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ:

2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

3 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ?

4 Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo.

5 Na mo deɛ mose: Obiara a ɔbɛse n’agya anaa ne na sɛ: Deɛ anka wobɛnya no me hɔ no yɛ ayɛyɛdeɛ no,

6 na ɛnni sɛ ɔdi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Nyankopɔn asɛm.

7 Nyaatwomfoɔ! Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.

11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.

12 Ɛnna n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Farisifoɔ no tee asɛm yi no, ato wɔn suntidua?

13 Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.

14 Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.

15 Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase!

16 Na ɔse: Mo nso moda so nte aseɛ ara?

17 Monhunu sɛ adeɛ biara a ɛkɔ anomu no kɔ ɔyafunu mu na ɛyi gu yaane mu anaa?

18 Na deɛ ɛfiri anomu firi adie deɛ, ɛfiri onipa akoma mu, na ɛno na ɛgu onipa ho fi.

19 Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.

20 Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi; na sɛ wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi.


Ababaa bosonsonni bi ayaresa
( Marko 7.24-30 )

21 Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.

22 Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!

23 Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.

24 Na ɔbuaa sɛ: Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

25 Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!

26 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.

27 Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.

28 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


Yesu sa nyarewa ahodoɔ

29 Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

30 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ

31 maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.


Nnipa mpemnan aduanema
( Marko 8.1-10 )

32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.

33 Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?

34 Na Yesu see wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi.

35 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam.

36 Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

37 Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn nson mama.

38 Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.

39 Na ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no kwan no, ɔfaa kodoɔ na ɔbaa Magadan ahyeɛ so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan