Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mateo 13 - New Revised Asante Twi Bible


Ogufoɔ no ho bɛ
( Marko 4.1-20 ; Luka 8.4-15 )

1 Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano.

2 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa gyinagyina mpoano.

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

4 Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.

5 Ebi nso kɔguu aboɔ so, faako a dɔteɛ pii nnie; na ntɛm ara na ɛfifiriiɛ, ɛfiri sɛ na dɔteɛ no mu nnɔ,

6 na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.

7 Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu; na ɛrefifire no, ɛmiaa no.

8 Na ebi nso kɔguu asase pa mu; na ɛsoo aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.

9 Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Ɛbɛ no agyinaeɛ

10 Na asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebuo mu?

11 Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.

12 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.

13 Yei nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebuo mu, ɛfiri sɛ wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu, na wɔte deɛ, nso wɔnte aseɛ.

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ; na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu.

15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.

16 Na mo deɛ, nhyira ne mo ani sɛ ɛhunu, ne mo aso sɛ ɛteɛ.

17 Na nokorɛ mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi, na wɔte deɛ moteɛ yi, nanso wɔanhunu, na wɔante nso.


Ogufoɔ ho bɛ no asekyerɛ

18 Afei montie ogufoɔ ho bɛ no:

19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.

20 Na deɛ wɔguu no aboɔ soɔ no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye no ntɛmntɛm;

21 nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.

22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.

23 Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Ayuo ne wura ho bɛ

24 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.

25 Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

26 Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie.

27 Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?

28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?

29 Ɛnna ɔse: Dabi, anhwɛ a, moreboaboa wura bɔne ano no, na moatu ayuo no bi afra mu.

30 Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!


Sinapi aba ho bɛ
( Marko 4.30-32 ; Luka 13.18-19 )

31 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi fua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu.

32 Ɛno na ɛyɛ aba ahodoɔ nyinaa mu ketewa deɛ, nanso ɛnyini a, ɛne ɛfan nyinaa mu kɛseɛ, na ɛyɛ dua ma ewiem nnomaa ba bɛyɛ pirebuo wɔ ne mman so.


Mmɔka ho bɛ

33 Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.

34 Yeinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no abebuo mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn.

35 Yei ma deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no ba mu sɛ: Mɛbue m’ano mmebuo mu, na mɛpae nsɛm a ahunta firi wiase asefire no mu maka.


Ayuo ne wura ho bɛ no asekyerɛ

36 Afei ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no hɔ, na ɔbaa fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuo mu wura bɔne ho bɛ no ase.

37 Na ɔbua see wɔn sɛ: Deɛ ɔgu aba pa no ne onipa ba no;

38 afuo no ne wiase; aba pa no ne ahennie no mma; wura no ne ɔbɔnefoɔ no mma;

39 ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.

40 Enti sɛdeɛ wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awieeɛ.

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

42 na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

43 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Agyapadeɛ ho bɛ

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.


Ahwene pa ho bɛ

45 Bio ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔrehwehwɛ ahwene pa;

46 na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.


Asau ho bɛ

47 Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi;

48 na ɛyɛɛ ma, na wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa deɛ ɛyɛ no ano guu akodoɔ mu, na deɛ ɛnyɛ no, wɔto gui.

49 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,

50 na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

51 Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Nasaret nsra
( Marko 6.1-6 ; Luka 4.15-30 )

53 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ.

54 Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?

55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?

56 Na ɛnyɛ ne nua mmaanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi kɔnyaa yeinom nyinaa?

57 Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie.

58 Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan