Mateo 12 - New Revised Asante Twi BibleHomeda sɛeɛ ( Marko 2.23-28 ; Luka 6.1-5 ) 1 Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ. 2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda. 3 Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no? 4 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no? 5 Anaasɛ monkenkann mmara no mu, sɛdeɛ homeda, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie no sɛe homeda nanso wɔnni ho fɔ no? 6 Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha. 7 Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ. 8 Na Onipa Ba no yɛ homeda no wura. Onipa bi a ne nsa adwodwo ( Marko 3.1-6 ; Luka 6.6-11 ) 9 Na ɔfiri hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano. 11 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu mma no soɔ? 12 Onipa nsom bo nsene odwan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda. 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Tene wo nsa! Na ɔteneeɛ, na ɛsane yɛɛ yie sɛ baako no. Wɔpam Yesu tiri so sɛ wɔbɛkum no 14 Na Farisifoɔ no firi adi kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛkum no. 15 Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 16 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi, 17 na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: 18 Hwɛ, m’abɔfra a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me Honhom bɛgu ne so, na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ. 19 Ɔrenko, na ɔrenteateam, na obi rente ne nne abɔntene so; 20 mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu, na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu. 21 Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛtoɔ. Nkɔnkɔnsa ho mmuaeɛ ( Marko 3.22-30 ; Luka 11.14-26 ; 11.29-32 ) 22 Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifirani ne emum brɛɛ no, na ɔsaa no yadeɛ maa emum no kasae, na ɔhunuu adeɛ. 23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie? 24 Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne. 25 Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina. 26 Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaepaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? 27 Na sɛ me, mede Beelsebul na metu ahonhommɔne a, na mo mma de hwan na ɛtu wɔn? Yei nti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ. 28 Na sɛ mede Nyankopɔn Honhom na metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie anya aba mo so. 29 Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie. Honhom ho abususɛm 30 Deɛ ɔnka me ho no, na ɔtia me; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu. 31 Yei nti mese mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm deɛ, wɔremfa nkyɛ nnipa. 32 Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu. Akoma ne asetena 33 Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua no aba na wɔde hunu dua korɔ. 34 Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka. 35 Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie. 36 Na mese mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wɔbɛbu ho akonta atemmuda. 37 Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ 38 Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ bi firi wo hɔ. 39 Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. 40 Na sɛdeɛ Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛdi asase ase nnansa awia ne anadwo. 41 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha. 43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi. 44 Ɛnna ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wasiesie mu. 45 Ɛnna ɔkɔ na ɔkɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔyɛ bɔne sene no ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu tena hɔ; na onipa no akyire yi asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefoɔ yi. Yesu abusuafoɔ hwehwɛ no ( Marko 3.31-35 ; Luka 8.19-21 ) 46 Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa. 47 Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyire pɛ sɛ wɔne wo kasa. 48 Na ɔbua see deɛ ɔsee no saa no sɛ: Hwan ne me na, na hwan ne me nuanom? 49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni! 50 Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna. |
The Bible Society of Ghana, 2012