Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 6 - New Revised Asante Twi Bible


Ahonu a ɛnyɛ

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa.

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

4 Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn, na mede m’anomu nsɛm makum wɔn, na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

6 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam, ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro a mogya akeka mu.

9 Na asɔfoɔ asafokuo no te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa, wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no; aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.

10 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie, ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.

11 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo, berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan