Hosea 3 - New Revised Asante Twi BibleNyankopɔn ntoboaseɛ 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no. 2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no. 3 Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa. 4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni. 5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012