Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hosea 14 - New Revised Asante Twi Bible


Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira

1 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.

2 Momfa nsɛm nkura nsane mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.

3 Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame! bio; ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.

5 Mɛdane sɛ bosuo mama Israel, ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko, na wagye nhini sɛ Lebanon.

6 Ne mman bɛdennan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hwa sɛ Lebanon.

7 Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ, na wɔafefɛ sɛ bobe a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa.

8 Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm, me so na wɔbɛhunu w’aba.

9 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan