Hosea 10 - New Revised Asante Twi BibleAkane yiedie ne nnɛ yi sɛeɛ 1 Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso. 2 Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. AWURADE bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no. 3 Na afei wɔbɛka sɛ: Yɛnni hene, ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn? 4 Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmuo fu sɛ nkonyabi wɔ afuo mu nkofie so. 5 Bet-awen nantwie mma nti na Samariafoɔ bɛsuro; na ne man di ne ho abooboo, na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho, sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ. 6 Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria de akɔkyɛ Ɔhene Yareb. Aniwuo bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatuo ho. 7 Samaria deɛ, wɔbɛtwa ne hene atwene sɛ nsuo ani ahuro. 8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so! 9 Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wɔtoaa soɔ; Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn. 10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka. 11 Na Efraim yɛ nantwiburuwa a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ, nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe adeɛ, Yuda bɛfuntum, Yakob bɛka asram so afa. 12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo. 13 Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa, moadi atorɔ aba. Na wode wo ho too wo kwan, wo nnɔmmarima dodoɔ no so. 14 Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu, na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa, sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtete ɛna mu agu mma so. 15 Saa na ayɛ mo: Betel mo bɔne mu bɔne no nti; adeɛ reba abɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ koraa. |
The Bible Society of Ghana, 2012