Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 42 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn ma Hiob so bio

1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:

2 Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.

3 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ, na ɔhono afotuo ani yi? Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.

4 Tie ɛ, na menkasa. Mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka, na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.

7 Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.

8 Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

11 Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

13 Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.

14 Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk.

15 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu.

16 Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan.

17 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan