Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 41 - New Revised Asante Twi Bible

1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano, na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa?

2 Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu?

3 Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4 Ɔne wo bɛpam apam sɛ fa no yɛ akoa daa?

5 Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa, na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa?

6 Apofofoɔ asafo bɛsi no koso, na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu?

7 Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma, na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8 Fa wo nsa ka no hwɛ, na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio!

9 Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu. Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu? Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

12 Merennyae ne honam adeɛ, ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13 Hwan na ɔbɛyi ne ho abon? Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim?

14 N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini? Ne se ho yɛ hu.

15 N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ, wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano.

16 Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ a mframa nnya mu kwan;

17 ɛfemfam ho, ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ.

18 Ne nwansi ma hann hyerɛn, na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

19 Agyatɛnee firi n’anomu, ogya nturituriiɛ fifiri mu.

20 Wisie firi ne hwene mu tokuro mu, sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu.

21 N’ahome sɔ nsramma, na ogyaframa firi n’anomu.

22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ, na akomatuo sa wɔ n’anim.

23 Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn, wɔguu no ne ho, na ɛntwe.

24 N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ, ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ.

25 Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo, na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26 Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka, pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo;

27 ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ;

28 agyan nka no ngu, ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;

29 ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma, na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ.

30 N’ase yɛ abono hwetahweta, ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ.

31 Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu, ɔyɛ po sɛ sradeɛ;

32 Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.

33 Ne nsɛsoɔ nni asase so; wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu;

34 ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa; ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan