Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 40 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob brɛ ne ho ase, AWURADE asɛm a ɛtɔ so mmienu. Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn

1 Na AWURADE buaa Hiob sɛ:

2 Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa? Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ!

3 Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:

4 Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede meto m’ano.

5 Makasa prɛko, na merentia so; ne mprenu, na merenkɔ so bio.

6 Ɛnna AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

7 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

8 Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?

9 Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?

10 Ɛnneɛ fa tumidie ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fira ɔhyerɛn ne animuonyam,

11 hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.

12 Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ.

13 Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu, na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,

14 ɛnneɛ na me nso mɛkamfo wo sɛ wo ara wo nifa na agye woɔ.

15 Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, ewira na ɔdi no sɛ nantwie.

16 Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asene mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.

17 Ɔkoa ne dua sɛ tweneduro, ne srɛ mu nhoma nso toatoa mu.

18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ dorobɛn, ne nkasɛɛ te sɛ adaban.

19 Ɔno ne Nyankopɔn akwan mfitiaseɛ, ne yɛfoɔ nko ara na ɔtumi de afena ka no.

20 Na mmepɔ so aduane ma no, na wiram mmoadoma nyinaa goro hɔnom.

21 Nkasɛɛnkasɛɛ nnua ase na ɔda, demmire ne ɔwora ahuntaeɛm.

22 Nkasɛɛnkasɛɛ nnua nwunu kata ne so, nsunoa nnua twa ne ho hyia.

23 Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara.

24 Wɔbɛtumi akye no animono, na wɔde fidie ahwire ne hwenem?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan