Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 39 - New Revised Asante Twi Bible


Mmoadoma di Nyankopɔn nyansa ho adanseɛ

1 Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ, na aforoteɛ awoko nso, wowɛn?

2 Wokan abosome a wɔn afuru de nyini, na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa?

3 Wɔkoto wowo wɔn mma, wɔto wɔn awoɔyea twene,

4 wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram, wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn nkyɛn.

5 Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho, na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane?

6 Deɛ mede ɛserɛ pradada mayɛ ne fie, na mede nkyene asase ayɛ ne tenabea.

7 Ɔmmu kuro mu gyegyeegyeyɛ, ɔnte ɔkafoɔ ateatea.

8 Deɛ ɔnya no mmepɔ soɔ no ne n’aduane, na ɔpɛ adeɛ biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.

9 Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?

10 Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?

11 N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa?

12 Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so?

13 Sohori bɔ ne ntaban mu ahurisidie mu, ɛne asukɔnkɔn ntaban ne ne ntakra na ɛsɛ anaa?

14 Mmom ɔgya ne nkosua ma asase, na mfuturo so na ɔma ɛho dɔ,

15 na ne werɛ firi sɛ ɛnan bɛpɛkyɛ, anaasɛ wiram mmoadoma bɛbobɔ.

16 Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnyɛ ne deɛ, ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso ɔnsuro,

17 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no, na wankyɛ no nhunumu.

18 Na sɛ ɔyere ne ho tu a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.

19 Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?

20 Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.

21 Ɔwerɛwerɛ bonhwa mu, na ɔdi n’ahoɔden ho ahurisie, ɔfiri kɔhyia akofoɔ a wɔamia.

22 Ɔsere ehu, na ne ho mpopo, na ɔnsane mfiri afena anim.

23 Agyan boha woso ne so, pea ne pɛmɛ a ɛtwa nyinamnyinam nso.

24 Ɔde anibereɛ ne abufuo werɛwerɛ asase, na totorobɛnto hyɛne a, ɔnnyina bio.

25 Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri, asafohene nteam ne osebɔ no.

26 Wo nhunumu so na asansa nam tuo? Ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ asase.

27 Anaasɛ w’anomu asɛm so na ɔkɔdeɛ ma ne ho soɔ, na ɔyɛ ne pirebuo deɛ ɛkorɔn?

28 Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɔda, ɔbotan ano hwerɛmhwerɛm ne ahwɛeɛ sorɔnsorɔn so,

29 ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane, n’ani hunu adeɛ akyirikyiri.

30 Na ne mma fe mogya, na deɛ atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan