Hiob 38 - New Revised Asante Twi BibleAWURADE mmuaeɛ 1 Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ: 2 Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? 3 Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me. 4 Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ! 5 Hwan na ɔde ne nsusuiɛ too hɔ, wonim anaa? Anaasɛ hwan na ɔsaa so homa? 6 Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ siiɛ, anaa hwan na ɔde ne tweatiboɔ toeɛ, 7 berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no? 8 Na hwan na ɔkaa ɛpo hyehyɛɛ apono mu, berɛ a ɛfiri asaseyam pueeɛ, 9 na mede mununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’aboomu, 10 na metwaa ne so hyeɛ, na mesisii adaban ne apono, 11 na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no? 12 Ɛfiri wo nna mfitiaseɛ woahyɛ anɔpa so pɛn, woakyerɛ adekyeeɛ nso ne diberɛ, 13 sɛ ɛnsɔ asase mmuano mu, na wɔmporepore abɔnefoɔ mfiri so? 14 Sɛ ɛnnane sɛ daagyere nsɔano ase na ɛnyɛ sɛ atadeɛ a wɔahyɛ no aduro, 15 na wɔde abɔnefoɔ hann akame wɔn, na nsa a wɔama soɔ no, wɔabu mu? 16 Woakɔ ɛpo aniwa ho, na woanante bunu donkodonko ase? 17 Wɔayi owuo aponkɛseɛ adi akyerɛ wo, anaasɛ woahunu esum kabii aboboɔ no? 18 Woahunu asase trɛ mu anaa? Sɛ wonim ne nyinaa a, ka ɛ! 19 Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he? 20 Na wode akɔ ne hyeɛ so, na woahunu ne fie akwan no. 21 Wonim, aane, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔawo wo, na woadi nna bebree! 22 Woakɔ sukyerɛmma korabea, anaa woahunu asukɔtweaa akoradeɛ no, 23 adeɛ a makora asie ahohiahia berɛ ne ɔko ne akodie da no? 24 Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ, ne deɛ apueeɛ mframa fa so bɔ asase soɔ no nso wɔ? 25 Hwan na ɔyiyi aka ma osuo ne ɔkwan ma aprannaa asraman no, 26 sɛ ɔbɛma osuo atɔ asase a obi nni hɔ soɔ, ne anwea pradada a onipa bi nni soɔ so, 27 na wama amamfo ne asase hunu ameeɛ, na wama wira a ɛfuo no afefɛ? 28 Osuo wɔ agya, anaasɛ hwan na ɔwo obosuo a ɛsosɔ? 29 Hwan yam na nsuo nkyenkyeneeɛ fire, na ɔsoro bosuo a akyenkyen no, hwan na ɔwoeɛ? 30 Nsuo kyenkyen sɛ ɔboɔ, na ebunu donkodonko ani pam. 31 Wobɛtumi akyekyere Akokɔbaatan-ne-ne-mma homa mu, anaasɛ wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma? 32 Wobɛtumi ayi Owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne berɛ mu, anaasɛ wobɛtumi akyerɛ Sisire nsoromma ne ne mma kwan? 33 Wonim ɔsoro nhyehyɛɛ, anaa wobɛtumi ahyehyɛ sɛdeɛ ɛnni asase soɔ? 34 Woma wo nne so kɔ mununkum mu sɛ nsuo pii mmɛkata wo ho anaa? 35 Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn nie! anaa? 36 Hwan na ɔde nyansa siee ayamdeɛ mu, anaasɛ hwan na ɔde nhunumu maa adwene? 37 Hwan na ɔde nyansa kan mununkum, na ɔsoro nkotokuo no, hwan na ɔdane no 38 ma mfuturo pia kɔbɔ dosie, na dɔteɛ bɔ ntoantoa? 39 Wo na woyɛ ha ma gyatabereɛ nya nam, anaa woma agyataburuwa meeɛ, 40 ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn atu mu, na wɔtete adɔtɔ mu retɛ? 41 Hwan na ɔsiesie aduane ma anene, ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn, wɔkyini na wɔnni aduane no? |
The Bible Society of Ghana, 2012