Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 37 - New Revised Asante Twi Bible

1 Aane, yei ho na m’akoma tutuo, na ɛpopo firi n’afa.

2 Tie na montie ne nne huuyɛ, ne mmobom a ɛfiri n’anomu no.

3 Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa, na ne hann kɔduru asase anoano.

4 Aprannaa bobom di akyire, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, ɔrensianka wɔn.

5 Onyankopɔn de ne nne prannaa bobom ma no yɛ nwanwa, ɔyɛ adeɛ akɛseɛ a yɛnhunu mu,

6 na ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ: Tɔ gu asase so! ne osukɛseɛ nso saa ara sɛ: Tue! ne n’ahoɔden suo akɛseɛ no.

7 Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhunu de.

8 Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu, na wɔtenatena wɔn tenabea.

9 Ahum firi mpiakyire hɔ ba, na awɔ nso firi atifi fam.

10 Nyankopɔn home na ɛma nsuo nkyenkyeneeɛ, na ɛma nsuo a ɛtrɛ nso da.

11 Nsuo ara nko na ɔde soa mununkum, ɔtrɛ ne hann mununkum no mu.

12 Na ɔma no di kyinhyia sɛdeɛ n’akwankyerɛ teɛ, sɛ ɛnkɔyɛ deɛ ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani;

13 sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara.

14 Hiob, yɛ aso wɔ yei ho, gyina hɔ dwene Nyankopɔn anwanwadeɛ ho.

15 Wonim berɛ a Onyankopɔn susuo ho, na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn?

16 Wonim mununkum nkariiɛ, nimdeɛ mu mudifoɔ no anwanwadeɛ no?

17 Sɛdeɛ wo ntadeɛ mu hyeɛ, berɛ a anafoɔ mframa ma asase yɛ dinn no?

18 Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?

19 Ma yɛnhunu deɛ yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhunu deɛ yɛnka.

20 Wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa? Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no?

21 Na afei wɔnhunu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewiem tɔnn, na mframa twam a, ɛma ewiem hɔ te.

22 Atifi fam asase so na sika firi ba, Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ.

23 Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no; ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ, na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.

24 Enti nnipa suro no, ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan