Hiob 36 - New Revised Asante Twi BibleElihu asɛnka a ɛtwa toɔ 1 Na Elihu kɔɔ so sɛ: 2 Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn. 3 Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no. 4 Na ampa, me nsɛm nyɛ atorɔ, deɛ ɔdi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi. 5 Hwɛ, Onyankopɔn yɛ ɔkɛseɛ, na ɔmmu obi animtia, ɔyɛ ɔkɛseɛ, nteaseɛ tumi mu. 6 Ɔmma ɔbɔnefoɔ nnya nkwa, na ɔde amanehunufoɔ bem ma wɔn. 7 Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so, na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa, na wɔma wɔn so. 8 Na sɛ wɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde amaneɛ nhoma kye wɔn a, 9 ɛnna ɔka wɔn nneyɛɛ kyerɛ wɔn, ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho soɔ, 10 na ɔbue wɔn aso ma atenetene, na ɔka sɛ wɔnsane mfiri abusudeɛ ho. 11 Sɛ wɔtie na wɔsom no a, wɔwie wɔn nna di yiedie mu, ne wɔn mfeɛ nso deɛ ɛyɛ wɔn dɛ mu. 12 Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dadeɛ ano, na wɔgyaa mu nimdeɛ a abɔ wɔn no mu. 13 Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ. 14 Wɔn kra wu mmeranteberɛ mu, na wɔn nkwa sɛe sɛ nnwamamfoɔ deɛ no. 15 Ɔyi ɔmanehunufoɔ n’amaneɛ mu, na ɔbue wɔn aso ahodwan no mu. 16 Anka ɔbɛgye wo nso afiri ahohiahia mu akɔ deɛ ɛhɔ trɛ a ahokyere nnie hɔ, na sradeɛ ayɛ wo pono so aduane ma. 17 Nanso ɔbɔnefoɔ atemmuo ayɛ wo ma, atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu. 18 Na mma abufuo nnnyegye wo nnkɔ ahiyie mu, na mma agyedeɛ no dodoɔ nnhima w’ani. 19 W’ahonyadeɛ anaa wo tumi ahoɔdenneɛ nyinaa de wo bɛsi deɛ ahohiahia nnie hɔ anaa? 20 Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra aman mfiri wɔn afa. 21 Hwɛ yie, nnane w’ani nkɔ ahuhudeɛ so, ɛfiri sɛ wopɛ ɛno mmom sene amanehunu. 22 Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛseɛ, hwan ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno? 23 Hwan na ɔhyɛɛ no sɛdeɛ ɔnyɛ n’adeɛ mfa, na hwan na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne? 24 Kae sɛdeɛ wobɛkamfo ne nneyɛɛ a adasa ato ho dwom no. 25 Nnipa nyinaa hwɛ ara; ɔdasani firi akyirikyiri hwɛ. 26 Hwɛ, Onyankopɔn so, na yɛnni no; ne mfeɛ dodoɔ nso mu nni hwehwɛbea. 27 Ɔno na ɔtwe nsuo ntoantoa a ɛsosɔ tɔ ne mununkum mu nsuo, 28 na ɛfiri mununkum mu tɔ gu fam, ɛtɔ pii gu nnipa so. 29 Obi bɛtumi ate mununkum mu trɛ ne ne ntomadan mu kurududuyɛ no ase anaa? 30 Hwɛ, ɔtrɛ ne hann mu wɔ ne so, na ɔkata ɛpo nhini so. 31 Na ɛno na ɔde di aman asɛm, ɔde aduane bebree nso ma. 32 Ɔde hann katakata ne nsa ho, na ɔhyɛ ma no kɔsi botaeɛ bi mu. 33 Ne mmobom ka ne ho asɛm, mmoakuo mpo ka asɛm fa ahum a ɛreba ho. |
The Bible Society of Ghana, 2012