Hiob 35 - New Revised Asante Twi Bible1 Na Elihu kɔɔ so ara kaa sɛ: 2 Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ, 3 sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Na mfasoɔ bɛn na mɛnya asene sɛ anka meyɛɛ bɔne? 4 Me deɛ, mede nsɛm bɛbua wo ne wo mfɛfoɔ a wɔka wo ho no. 5 Hwɛ ɔsoro, na hunu, na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no. 6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɛdeɛn na wode yɛ no, na sɛ wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na woyɛ no? 7 Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma no, anaasɛ wo nsam ɛdeɛn na ɔgyeɛ? 8 Onipa a ɔte sɛ woɔ na w’abɔnefosɛm pira no, na onipa ba bi na wo tenenee bɛma no anya mfasoɔ. 9 Nhyɛsoɔ bebrebe nti na ɛma wɔteam, wɔsu frɛ ɔboafoɔ, nnipa akɛseɛ nsa ase. 10 Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo, 11 deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sene asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sene ɔsoro nnomaa no. 12 Ɛhɔ na wɔteam, na ɔmmua, abɔnefoɔ ahantan nti. 13 Ampa ara Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfoɔ remmu. 14 Na nkantom sɛ wose: Wonhu no deɛ nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara! 15 Na afei ɛnam sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuo mu, na ɔnni amumuyɛ akyiri pii nti, 16 Hiob bue n’ano kwa, na nimdeɛ a ɔnnie mu, ɔma nsɛm dɔɔso. |
The Bible Society of Ghana, 2012