Hiob 34 - New Revised Asante Twi BibleElihu kɔ so ara ka Hiob anim 1 Na Elihu toaa so sɛ: 2 Anyansafoɔ, montie me nsɛm, na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me. 3 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduane hwɛ. 4 Yɛbɛsɔ atemmuo ahwɛ afa, na yɛahunu deɛ ɛyɛ yɛn ntam. 5 Na Hiob aka sɛ: Metene, nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ. 6 Me bem mu ara na wɔbu me torofoɔ, m’agyan kuro mu ayɛ den, nanso mmarato nni me mu. 7 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom mmusubɔ sɛ nsuo, 8 na ɔhyɛne amumuyɛfoɔ ayɔnkofa mu, na ɔne nnipa abɔnefoɔ ananteɛ? 9 Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfasoɔ mma onipa sɛ ɔne Onyankopɔn bɔ. 10 Enti mo a mowɔ tire, montie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm, 11 na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no. 12 Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfoɔ nkyea atemmuo. 13 Hwan na ɔde asase hyɛɛ ne nsa, na hwan na ɔsiesiee wiase nyinaa? 14 Sɛ ɔgye ne home fa na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a, 15 anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu. 16 Na sɛ wowɔ nhunumu a, tie yei, yɛ aso ma me nsɛm. 17 Deɛ ɔkyiri atɛntenenee bɛnya aman adi so anaa? Anaasɛ wobɛbu ɔteneneeni tumfoɔ no fɔ? 18 Deɛ ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni! Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefoɔ! 19 Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa. 20 Mpofirim na wɔwuo, na adasuo mu na aman hinhim na wɔsene korɔ, na wɔpra aberempɔn kɔ, nso ɛnnam onipa nsa so. 21 Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa. 22 Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ. 23 Na ɛnhia sɛ ɔhwɛ onipa ma no kyɛ ansa na wakɔ Nyankopɔn nkyɛn, atemmuo mu. 24 Ɔbubu aberempɔn a ɔnhwehwɛ wɔn asɛm mu, na ɔde afoforɔ si wɔn ananmu. 25 Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛɛ, na ɔbutu wɔn anadwo ma wɔdwerɛ wɔn. 26 Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefoɔ ma nnipa nyinaa hunu. 27 Ɛfiri sɛ wɔmane firii n’akyiri kɔe, na wɔannwene n’akwan no biara ho, 28 sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn, na wate amanehunufoɔ sufrɛ. 29 Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ, 30 na onipa kɔnkɔnsani anni hene, na wɔansum ɔman fidie. 31 Na obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahunu amane, merenyɛ amumuyɛ bio, 32 deɛ mennya menhunuiɛ, wo na kyerɛ me, sɛ madi amumuyɛsɛm a, merenni bio? 33 Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me, na deɛ wonim no, ka ɛ! 34 Nnipa a wɔwɔ tire bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafoɔ bɛtie ama me, 35 Hiob deɛ, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa, na ne nsɛm mu nni nhunumu. 36 Sɛ anka wɔresɔ Hiob ahwɛ akɔsi awieeɛ ɛ, ɛfiri sɛ ne mmuaeɛ te sɛ amumuyɛfoɔ mmuaeɛ. 37 Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho, yɛn mu mpo ɔbɔ ne nsam, na ɔma ne nsɛm a ɔne Onyankopɔn de di asie no dɔɔso. |
The Bible Society of Ghana, 2012