Hiob 33 - New Revised Asante Twi Bible1 Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ, na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. 2 Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkyerɛma rekasa me dodom. 3 M’akomam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. 4 Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa. 5 Sɛ wobɛtumi a, yi ano kyerɛ me; Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina. 6 Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara, anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ. 7 Hwɛ, me ho hu rentu w’akoma, na me nhyɛsoɔ renyɛ wo so duru. 8 Ampa, woaka no m’aso mu, na nsɛm nne na metee sɛ wose: 9 Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho. 10 Hwɛ, ɔhunu ntɔkwa nsɛm wɔ me ho, ɔbu me sɛ ne tamfo. 11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu, ɔkari m’akwan nyinaa. 12 Hwɛ, yei mu na wontene, merebua wo; na Onyankopɔn so sene ɔdasani. 13 Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ɔmmua ne nsɛm nyinaa ho? 14 Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne deɛ ɛtia mprenu, nanso onipa nnwene ho. 15 Daeɛ mu, anadwo adehunu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa soɔ mu, mpa so nnaeɛ mu, 16 emu na ɔbue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn atenetene ano, 17 sɛ ɔbɛsane onipa afiri ne nneyɛɛ ho, na wayi ahantan ahunta onipa, 18 na watwe ne kra afiri Amena mu, ne ne nkwa nso na antɔ afena ano. 19 Na wɔde yea twe n’aso ne mpa so ne ne nnompe mu daa aperedie. 20 Na ne nkwa ma aduane fono no, na ne kra po akɔnnɔduane. 21 Ne honam afɔn ama no ayɛ hununa, na ne nnompe a anka wɔnhunu mpo ada adi. 22 Na ne kra bɛn ɔsɛeɛ Amena, na ne nkwa nso bɛn akumfoɔ. 23 Sɛ ɔbɔfoɔ dimafoɔ wɔ hɔ ma no, apem no mu ɔbaako, sɛ ɔrekyerɛ onipa deɛ ɛtene ma no a, 24 ɛno na ɔhu no mmɔbɔ ka sɛ: Kɔgye no, na wankɔ ɔsɛeɛ Amena no mu, na manya agyedeɛ, a, 25 ɛnneɛ ne honam yɛ sɔɔsɔɔ sɛ mmɔfra deɛ, ɔsane kɔ ne mmeranteberɛ mu. 26 Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu, na ɔdane ɔdasani tenenee ma no, 27 na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me. 28 Wagye me kra na ankɔ ɔsɛeɛ Amena mu, na me nkwa rehunu hann no. 29 Hwɛ, yeinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho, 30 sɛ ɔbɛsane ne kra afiri ɔsɛeɛ Amena ho, na wanya hann, nkwa hann no mu. 31 Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ komm, na menkasa. 32 Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdie bɛyɛ me fɛ. 33 Sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ tie me ara, yɛ komm, na menkyerɛ wo nyansa. |
The Bible Society of Ghana, 2012