Hiob 32 - New Revised Asante Twi BibleElihu asɛnka a ɛdi kan. Ɔkyerɛ deɛ enti a ɔkasa 1 Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni. 2 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn. 3 Na ne bo fuu ne mfɛfoɔ baasa no nso, sɛ wɔnnya mmuaeɛ bi bio, nanso wɔbuu Hiob fɔ. 4 Na Elihu twɛn maa Hiob kasae ansa, ɛfiri sɛ wɔsene no panin. 5 Na Elihu hunuu sɛ mmuaeɛ biara nni mmarima baasa no anomu bio no, ne bo fui. 6 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buaa sɛ: Me deɛ, meyɛ abɔfra, na mo deɛ moyɛ nkɔkoraa, enti na metɔɔ me bo aseɛ, na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim makyerɛ mo. 7 Mekaa sɛ: Wɔmma onyinkyerɛ nkasa, aane, na mfeɛ dodoɔ nkyerɛ nyansa. 8 Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu. 9 Ɛnyɛ wɔn a wɔanyini pii na wɔnim nyansa, na ɛnyɛ mpanin na wɔhunu atemmuo mu. 10 Enti na mese: Montie me; me nso mɛkyerɛ deɛ menim. 11 Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhunumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm. 12 Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obiara nni mo mu a n’asɛm tɔɔ Hiob aso mu, na ɔtumi buaa ne nsɛm no. 13 Na monnka sɛ: Yɛahunu nyansa; Onyankopɔn na ɔnha no, na ɛnyɛ onipa. 14 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no memmua no. 15 Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anomu nsɛm nso asa. 16 Na sɛ wɔnkasa bio, na wɔgyina hɔ, na wɔmmua bio nti, mentwɛn anaa? 17 Me nso mɛbua me fam deɛ, me nso, mɛkyerɛ deɛ menim. 18 Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me. 19 Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wɔntuu ano, sɛ nsa kotokuo foforɔ a ɛrepɛ apaeɛ. 20 Mɛkasa, na manya ahomeyɛ; mɛbue m’ano, na mabua. 21 Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa, 22 na mennim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfoɔ afa me akɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012