Hiob 30 - New Revised Asante Twi BibleHiob kyerɛ ne seesei asetena a ɛyɛ mmɔborɔ 1 Na afei wɔn a mekyɛne wɔn panin koraa sere me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn bɛhyɛ me nkraman a wɔhwɛ me nnwankuo so mu, 2 wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa? 3 Ohia ne ɛkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyɛkyerɛ so deɛ ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa. 4 Wɔtete nkyenhahan wɔ nnuaa so, na ɛserɛ so nnuaa nhini ne wɔn aduane. 5 Wɔatu wɔn afiri nnipa mu, wɔhuro wɔn sɛ owifoɔ. 6 Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔteteɛ, ɛfam ne abotan mu ntokuro mu. 7 Nnua ntam na wɔbobom, nsansono ase na wɔsam. 8 Agyegyentwie mma ne wɔn, wɔn a wɔnni din mma nso, wɔapam wɔn afiri asase so. 9 Na afei madane wɔn sankuo dwom, na mayɛ wɔn sɛmɔdɛ. 10 Wɔkyiri me, wɔma me ne wɔn ntam twe, na wɔnkame sɛ wɔtoto ntasuo gu m’ani soɔ. 11 Na ɛnam sɛ Onyankopɔn asane me homa, na wabrɛ me aseɛ nti, wɔn nso ato ahohyɛsoɔ atwene wɔ m’anim. 12 Me nifa so na ahuhufoɔ no asɔreɛ, wɔsum me fidie, na wɔdane wɔn sɛeɛ akwan ba me so. 13 Wɔdwiri me kwan, wɔboa me sɛeɛ, nso obiara biara nsianka wɔn. 14 Wɔba sɛ obuba a emu trɛ, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba. 15 Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum. 16 Na afei me kra nane gu me mu, amanehunu nna asosɔ me mu. 17 Anadwo hodwo me nnompe wɔ me mu, na yea a ɛwe me no nnyae. 18 Emu den nko ara nti m’atadeɛ asakyera, ɛmia me sɛ me kamisaa kɔn. 19 Wato me atwene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔteɛ ne nso. 20 Mesu mefrɛ wo, na wonnye me so, megyina hɔ, na wohwɛ me haa. 21 Woadane ayɛ sɛ otirimuɔdenfoɔ ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asie. 22 Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menane huuyɛ mu. 23 Na menim sɛ wode me bɛsane ama owuo ne efie a ateasefoɔ hyia mu no. 24 Nanso obi ntene ne nsa nhwehwɛ ɔgyeɛ nkunkumaboɔkuo mu, na sɛ obi reyera a, ɔnsu mfrɛ ɔboafoɔ anaa? 25 Mansu mamma deɛ ɔwɔ amaneɛ mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa? 26 Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba. 27 Me yamuadeɛ huru, na ɛnnyae, amanehunu nna ato me. 28 Mabiri tumm na menenam, nso ɛmfiri awia; mesɔre badwa mu na meteam. 29 Madane ɛserɛ so akraman nua ne sohoribereɛ adamfo. 30 Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye. 31 Na me sankuo adane abooboo, na me tɛntɛbɛn adane asufoɔ nne. |
The Bible Society of Ghana, 2012