Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 28 - New Revised Asante Twi Bible


Ɛhe na nyansa firi? Mpeepee Nyankopɔn nyansa mu

1 Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ.

2 Dadeɛ nso wɔtu no fam, na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere.

3 Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu aboɔ.

4 Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ, anammɔn a ɛtwam werɛ firi no, ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ.

5 Asase wɔ hɔ yi, aduane firi mu ba, na n’ase nso, ɔdane ani sɛ ogya.

6 Hoaboɔ dabea ne n’aboɔ no mu, na sikafuturo nso wɔ hɔ.

7 Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔdeɛ nnim, na akorɔma ani nhunuu da,

8 anworanwora mmoa ntiatiaa soɔ, na gyatabire mfaa hɔ.

9 Ɔtene ne nsa ka ɔbohemmaa, ɔbutu mmepɔ wɔ ne nhini mu.

10 Ɔtwitwa aka abotan mu, na n’ani hwɛ aboɔdenneɛ nyinaa.

11 Ɔsisi asuasu kwan na ansosɔ, na adeɛ a ahunta no, ɔyi ba hann mu.

12 Na nyansa deɛ, ɛhe na wɔbɛhu no, na ɛhe na nhunumu afa wɔ?

13 Ɔdasani nnim ne boɔ, na wɔnhu no ateasefoɔ asase so.

14 Ebunu donkodonko ka sɛ: Ɛnni me mu. Na ɛpo ka sɛ: Ɛnni me hɔ.

15 Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye, na wɔnkari dwetɛ ntua ne tiri boɔ.

16 Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ, wɔmfa apopobibireboɔ a ne boɔ yɛ den ne hoaboɔ ntɔ.

17 Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinneɛ nsesa.

18 Wɔmmɔ nhwene panin ne aboɔ a ɛhyerɛn din, na nyansa boɔ sene nhwene pa deɛ.

19 Etiopia asase so akrateboɔ ne no nsɛ, na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne boɔ.

20 Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firi ba? Na ɛhe na nhunumu tenabea wɔ?

21 Wɔde ahunta ateasefoɔ nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim.

22 Ɔyera amena ne owuo ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka.

23 Onyankopɔn na ɔhunu ne kwan mu, na ɔno na ɔnim ne tenabea;

24 na ɔno na ɔhwɛ asase awieeɛ, ɔsoro ase nyinaa nso, ɔhunu.

25 Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no,

26 berɛ a ɔhyɛɛ osuo ahyɛdeɛ, na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no,

27 ɛno na ɔhunuiɛ na ɔyii no adie; ɔde sii hɔ na ɔpeepee mu.

28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan