Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 27 - New Revised Asante Twi Bible


Hiob kyerɛ ne bemdie ne abɔnefoɔ ahotɔ a ɛnkyɛ

1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2 Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, —

3 na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,

4 ampa ara, m’ano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkyerɛma renka nnaadaasɛm!

5 Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem; meremma wɔnyi me mudie mfiri me ho de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛgyaa mu.

6 Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.

7 Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ, na deɛ ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumuyɛfoɔ.

8 Na ɛdeɛn ne ɔbɔnefoɔ anidasoɔ berɛ a wɔtwa ne nkwa soɔ, berɛ a Onyankopɔn twe ne kra korɔ no?

9 Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?

10 Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?

11 Mɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsa ho asɛm, deɛ ɛwɔ Otumfoɔ hɔ no, merensi so.

12 Hwɛ, mo deɛ, mo nyinaa moahunu, na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi?

13 Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɔnya no Onyankopɔn hɔ, ne nhyɛsofoɔ agyapadeɛ a wɔnya no Otumfoɔ nsam:

14 Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afena, na wɔn a wɔfiri ne mu no aduane remmee wɔn.

15 Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyadeɛ mu na wɔbɛsie wɔn, na n’akunafoɔ rensu.

16 Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfuturo, na ɔsiesie ntadeɛ sɛ dɔteɛ a,

17 ɔsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ, na dwetɛ no, deɛ ɔdi bem na ɔbɛkyɛ mu.

18 Ɔsi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ sese a ɔwɛmfoɔ yɛ.

19 Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio.

20 Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo, anadwo na ahum wia no korɔ.

21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɛhwim no firi ne tenabea.

22 Na ɔto gu ne so, na ɔnni ne ho adɔna, dwane ara na ɔrepɛ adwane afiri ne nsam.

23 Wɔbɛbobɔ nsam agu ne so, na wɔabɔ ne so hwerɛma de no afiri ne tenabea akɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan