Hiob 25 - New Revised Asante Twi BibleHwan ne onipa wɔ Nyankopɔn anim? 1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: 2 Tumidie ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoeɛ ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. 3 N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ? 4 Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ? 5 Hwɛ, ɔsrane mpo; ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim na nsoromma nso ho nte wɔ n’ani so. 6 Na nkantom ɔdasani, nsammaa yi, ne onipa ba, aboaa yi! |
The Bible Society of Ghana, 2012